Hosea 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔsɛe Onyankopɔn abufuw mu

1Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti, odii so, na owui.

2Yes 44.12 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne, na wɔde wɔn dwetɛ yɛ ogu ahoni ne wɔn nhumu ano adwinhoni; ɛyɛ odwumfo adwuma ara nko. Nnipa a wɔbɔ afɔre kasa kyerɛ wɔn. Wofew anantwi mma ano.

3Hos 6.4; Nnw 1.4 Ne saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosu a etua ahema kɔ, sɛ ntɛtɛwa a ahum hwim fi awiporowbea ne owusiw a etu fa mfɛnsere mu kɔ no.

4 Eks 20.2-3 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de fi Misraim asase so, na wunnim Onyankopɔn bi sɛ me nko, na ogyefo biara nni m’akyi.

5Hos 9.10 Me na mihuu wo sare no so, osukɔm asase no so.

6Deut 32.15 Bere a wonyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee nti wɔn koma maa ne ho so, enti wɔn werɛ fii me.

7Hos 5.14 Ne saa nti meyɛɛ wɔn sɛ gyata, metɛwee ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ;

8mɛtow mahyɛ wɔn so sɛ osisi a wɔafa ne mma, na matetew wɔn koko a wɔn koma da mu, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabere; wuram mmoa besunsuane wɔn mu.

9 Yer 2.17 Meyɛ wo boafo de nanso wɔbɛsɛe wo, A! Israel, ne sɛ wo ne me a meyɛ wo boafo no di asi.

101 Sa 8.5 Ɛhefa na wo hene no wɔ afei, na onnye wo wo nkurow nyinaa mu, ne w’atemmufo a wokae sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

11Memaa wo ɔhene m’abufuw mu, na miyii no hɔ m’anibere mu.

12Wɔakyekyere Efraim amumɔyɛ, wɔde ne bɔne asie.

13Ɔwofo awoko bɛka no; ɔno de, ɔyɛ ɔba a onni nyansa, sɛ edu ne bere so a, ommegyina nea mma fa mu sian hɔ.

14Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? Mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ? Ahonu ahintaw afi m’ani so.

15Na ɔbɛsow aba ne nuanom mu. Apuei ahum betu, AWURADE mframa fi sare so bɛbɔ, na n’asubura mu ayow, na ne nsuaniwa to atwa; ɔno na ɔbɛfom adekoradan mu mfɛfɛwade nyinaa.

16Samaria ti ato, sɛ watew ne Nyankopɔn anim atua; afoa ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛtew wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn apemfo mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help