2 Ahene 3 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔko ba Israel ne Moab ntam

1 2 Ah 1.17 Na Ahab ba Yehoram bedii Israel so hene Samaria, Yuda hene Yehosafat afe a ɛto so dunwɔtwe so; na odii hene mfe dumien.

21 Ah 16.32 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso ɛnte sɛ n’agya ne ne na; efisɛ oyii Baal honi a n’agya yɛe no hɔ.

31 Ah 12.30 Nanso ɔbataa Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho, na wansan amfi ho.

4Na Moab hene Mesa yɛ nguanhwɛfo, na ɔmaa Israel hene nguanten mma ɔpeha ne adwennini ɔpeha ho nwi.

5Na Ahab wui no, Moab hene tew Israel hene anim atua.

6Na Yehoram fii Samaria da no ara, boaboaa Israel nyinaa ano.

71 Ah 22.4 Na ɔkɔe, na ɔsoma kɔɔ Yuda hene Yehosafat nkyɛn sɛ: Moab hene atew m’anim atua, na wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa? Na ose: Mɛkɔ, mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ.

8Na ɔkae sɛ: Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akɔ? Na ose: Edom sare so kwan no.

9Ɛnna Israel hene ne Yuda hene ne Edom hene siim kɔe; na wokyinii nnansɔn kwan, na nsu nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wodi wɔn akyi.

10Na Israel hene kae sɛ: Ao, sɛ AWURADE afrɛ ahene baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa!

111 Ah 22.5, 7; 19.19, 21 Na Yehosafat se: So AWURADE diyifo bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu biako buae sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ohwiee nsu guu Elia nsa so no wɔ.

12Na Yehosafat kae sɛ: AWURADE asɛm wɔ ne nkyɛn. Ɛnna Israel hene ne Yehosafat ne Edom hene sian kɔɔ ne nkyɛn.

13Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifo ne wo na adiyifo no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahene baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.

141 Ah 18.15; Nnw 15.4 Na Elisa se: Sɛ asafo AWURADE a migyina n’anim te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yuda hene Yehosafat anim na mehwɛ a, anka merenhwɛ wo na merenhu wo.

15Na afei momfa ɔsankubɔfo mmrɛ me. Na ɔsankubɔfo no rebɔ no, AWURADE nsa baa no so,

16na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mɛma nsu abɛhyɛ abon a emu awo yi mu ma.

17Na sɛ AWURADE se ni: Morenhu mframa na morenhu osu, nanso nsu bɛyɛ obon yi ma; na moanom, mo ne mo anantwikuw ne mo mmoa.

18Na eyi nso yɛ mmerɛw AWURADE ani so, na obeyi Moab nso ahyɛ mo nsa.

19Na mobɛbobɔ afasu mu nkurow nyinaa ne nkurow a ɛyɛ fɛ nyinaa, na moatotow nnua pa nyinaa, na moasisiw nsuaniwa nyinaa, na mode abo asɛe mfuw pa nyinaa.

20Na anɔpa a wɔrebɔ aduan afɔre no, hwɛ, nsu fii Edom kwan so bae, na nsu no yɛɛ asase no ma.

21Na Moabfo nyinaa tee sɛ ahene no reforo aba ne wɔn abɛko no, wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wobetumi amia amiade nyinaa efi mmofra so kosii mpanyimfo so ne wɔn hyiae, na wobegyinaa ɔhye so.

22Na wɔsɔree anɔpatutu na owia repue nsu no so no, Moabfo huu nsu no agya noho sɛ ɛbere sɛ mogya;

23na wɔkae sɛ: Mogya ni! Ahene no ne wɔn ho adi nnɔmmata akunkum wɔn ho, na afei, Moabfo, monkɔ asade ho.

24Na wɔbaa Israel nsra ho no, Israel sɔre kunkum Moabfo, na woguanee wɔn anim, na wɔkɔɔ mu kokunkum Moabfo.

252 Ah 3.19 Na nkurow no, woburuwii, na mfuw pa nyinaa, wɔtotow abo mmiako mmiako guguu so kosii sɛ ɛso katae, na wosisiw nsuaniwa nyinaa, na wɔtotow nnua pa nyinaa; gye Kir-hareset na wogyaw n’abo, na ataabotowfo kotwaa ho hyiae bɔɔ no.

26Na Moab hene hui sɛ dɔm no ano ayɛ den papa ama no no, ɔfaa mmarima ahansɔn a wɔtwe nkrante kaa ne ho sɛ ɔretew mu akɔ Edom hene ho, nanso wɔantumi.

27Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka obesi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyew afɔre ɔfasu no so. Na abufuw kɛse baa Israel mu, na wofii ne ho san baa wɔn asase so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help