Yohane 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yuda de asraafo ba(Mateo 26.47-56; Marko 14.43-52; Luka 22.47-53)

1 Wɔkyere Yesu kɔma Hana(Mateo 26.57-75; Marko 14.53-72; Luka 22.54-71)

12Ɛnna asraafokuw ne wɔn safohene ne Yudafo asomfo no soo Yesu mu, na wɔkyekyeree no,

13na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kan; na Kaiafa a odi afe no mu sɔfo panyin ase ne no.

14Yoh 11.49-50 Nso Kaiafa no ne nea otuu Yudafo no fo sɛ: Eye sɛ onipa biako bewu ama ɔman no.

Petro pa n’Awurade

15Na Simon Petro ne osuani biako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panyin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛn ɔsɔfo panyin aban mu hɔ.

16Na Petro de, ogyinaa mfikyiri ɔpon no ano. Ɛnna osuani biako a ɔsɔfo panyin no nim no no fii adi bɛka kyerɛɛ ɔbea a ɔhwɛ ɔpon ano no, na ɔde Petro baa mu.

17Ɛnna abaawa a ɔhwɛ ɔpon ano no see Petro sɛ: Wo nso wumfi onipa yi asuafo mu bi anaa? Ose: Dabi.

18Nso nkoa ne asomfo no gyinagyina hɔ asɔ ogya, efisɛ awɔw aba, na wɔreto; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bi.

Ɔsɔfo panyin no asɛmmisa

19Ɛnna ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu n’asuafo ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm.

20Yoh 7.14; 7.26 Yesu buaa no sɛ: Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, faako a Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee.

21Adɛn na wubisa me? Bisa wɔn a wɔtee no, ne nea meka kyerɛɛ wɔn; hwɛ, wɔn na wonim nea mekae.

22Na ɔkaa saa no, asomfo no mu biako a ogyina hɔ no bɔɔ Yesu sotɔre kae sɛ: Sɛnea wubua ɔsɔfo panyin ni?

23Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanse; na sɛ eye a, adɛn nti na wobɔɔ me?

24Hana maa wɔde no hama mu kɔmaa ɔsɔfo panyin Kaiafa.

Petro pa n’Awurade bio

25Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wosee no sɛ: Wo nso wumfi n’asuafo no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!

26Ɔsɔfo panyin no nkoa no mu biako a ɔyɛ nea Petro twaa n’aso no busuani kae sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ?

27Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee.

Wɔde Kristo kɔma amrado(Mateo 27.1-2, 11-14; Marko 15.1-5; Luka 23.1-5)

28Ɛnna wɔde Yesu fi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ankasa de, wɔanhyɛn amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam no.

29Ɛnna Pilato fii adi baa wɔn nkyɛn, na obisaa wɔn sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia onipa yi?

30Wobua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛfo a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.

31Yoh 19.6-7 Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na munkobu no atɛn sɛnea mo mmara te. Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Yɛn de, yenni ho kwan sɛ yekum obiara.

32Yoh 12.32-33; Mat 20.19 Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔkae de kyerɛɛ owu ko a ɔrebewu no aba mu.

Pilato asɛmmisa

33Ɛnna Pilato hyɛn amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafo hene no anaa?

34Yesu buaa no sɛ: Efi wo ankasa wo tirim na woka eyi, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ wo?

35Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ankasa wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me; dɛn na woyɛe?

36Yesu buae sɛ: M’ahenni mfi wiase. Sɛ m’ahenni fi wiase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.

371 Tim 6.13 Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene nen? Yesu buae sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.

38Pilato see no sɛ: Dɛn ne nokware?

Pilato pɛ sɛ ogyaa no

Na ɔkaa eyi no, ofii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn bio na osee wɔn sɛ: Me de, minhu ne mu afobusɛm biara.

39Nso mowɔ amanne sɛ migyaa obiako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no mema mo anaa?

40Ɛnna wɔn nyinaa teɛɛm bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwowtwafo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help