Sakaria 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Amanaman asebrɛ

1 Yes 17.1 Eyi ne Awurade asɛm. Awurade atemmusɛm wɔ Hadrak asase so,

ne Damasko ne n’asoɛe;

na sɛnea Israel mmusuakuw yɛ Awurade de no,

saa ara na Aram ne ne nkuropɔn nso yɛ ne de.

2 Yes 23; Yer 47.4; Hes 26.1—28.26 Na saa ara na ɔbɛyɛ Hamat,

Tiro ne Sidon, sɛ wosusuw sɛ wonim nyansa mpo a.

3Na Tiro too aban a ɛyɛ den,

na otiaa dwetɛ sɛ mfutuma,

ne sika kɔkɔɔ sɛ mmorɔn so dɔte.

4Hwɛ, Awurade bɛma wɔafa no so

na wasɛe ne tumi ɛpo mu,

na ɔno ankasa de, ogya bɛhyew no.

5 Yer 47 Askelon behu na wasuro,

na Gasa, ho apopo sɛ,

na Ekron nso, anidaso bɛyɛ ɔkwa,

na ɔhene bɛyera afi Gasa,

na Askelon nso, wɔrentena mu bio.

6Na amamfrafo bɛtena Asdod,

na metwa Filistifo ahantan to.

7Na meyi ne mogya, n’anom,

ne n’atantanne, ne se mu,

na ɔno nso, wobegyaw no ama yɛn Nyankopɔn,

na wayɛ sɛ Yuda abusua bi,

na Ekron ayɛ sɛ Yebusifo.

8 Sak 2.5 Na mɛbɔ me fi ho nsra,

afi n’atamfo ho ne nea otwam kɔ

na ɔsan ba ho,

na ɔhawfo bi antwam amfa wɔn mu bio;

na afei m’ankasa bɛhwɛ wɔn so.

Asomdwoe hene no

9 Sef 3.14; Mat 21.5 Di ahurusi pii, Sion babea!

Huro, Yerusalem babea.

Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn,

ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye;

odwo, na ɔte afurum so,

afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.

10 Mika 5.10 Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim,

ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem,

na wɔatwa akodi ta nso;

na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman,

na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so,

na afi asu ano akosi asase awiei.

11 Eks 24.8 Wo nso, w’apam mogya no nti

meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.

12 Yes 61.7 Monsan mmra aban a ɛyɛ den no mu,

mo nneduafo a mowɔ anidaso.

Ɛnnɛ yi po mereka makyerɛ mo sɛ:

Mmɔho na mede mahyɛ mo ananmu.

13 Dan 8.21-22 Na makom Yuda sɛ ɔta mafa,

mede Efraim mahyɛ mu,

na makanyan wo mmabanin,

Sion, mahyɛ wo mmabanin, Hela,

na mede wo mayɛ sɛ dɔmmarima afoa.

14Na Awurade beyi ne ho adi wɔn so,

na n’agyan afi adi sɛ ɔsraman;

na Awurade Nyankopɔn bɛhyɛn torobɛnto,

na wanantew ahum a etutu anafo fam mu.

15Asafo Awurade bɛwaw wɔn ani,

na wɔadidi, na wɔatiatia ataabo mu abo so,

na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo,

na wɔayeyɛ amaama sɛ kora,

sɛ afɔremuka ntwea.

16Na Awurade wɔn Nyankopɔn begye wɔn nkwa ɛda no

sɛ ne man nguankuw,

efisɛ wɔbɛyɛ abotiri abo

a ɛhyerɛn n’asase no so.

17Na ne yiye ne dɛn, na n’ahoɔfɛ ne dɛn?

Aduan bɛma mmerante anyinyin

na nsamono ama mmabaa nso ani agye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help