Ɔsɛnkafo 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nyansa ho mmɛ horow

1Nwansena funu ma odufrafo aduru bɔn na ɛporɔw,

na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sen nyansa ne anuonyam.

2Onyansafo koma wɔ ne nifa mu,

na ɔkwasea koma wɔ ne benkum mu.

3Nanso ɔkwan biara a ɔkwasea fa so no, ntease bɔ no,

na ɔka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ ɔyɛ ɔkwasea.

4 Nnw 37.1; Mmb 24.19 Sɛ otumfo honhom sɔre hyɛ wo a, nnyaw w’afa, na odwo brɛ bɔne akɛse ase.

5Adebɔne bi wɔ hɔ a mihui owia ase sɛ mfomso bi a efi otumfo anim,

6Mmb 30.21-22 wɔama nkwasea so bebree, na adefo tete fam.

7Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so ne adehye a wɔnenam fam sɛ nkoa.

8 Mmb 26.27 Nea otu amoa no, emu na ɔbɛhwe,

na nea oburuw ban no, ɔwɔ bɛka no.

9Nea otu abo no, nya mu yaw,

na nea ɔpae nnua no, emu na obepira

10Sɛ obi dade ano akum na wansew ano a,

ɛnne gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso,

nanso nyansa ma odi no yiye.

11 Nnw 58.4-5 Sɛ ɔwɔ ka ansa na wɔkyere no kaberɛ a,

mfaso bi nni hɔ mma kaberɛkyerefo no.

12Onyansafo anom asɛm yɛ nyam,

na ɔkwasea ano bɛmene no.

13N’anom asɛm mfiase yɛ nkwaseasɛm,

na ne kasa awiei yɛ adammɔ bɔne.

14 Ɔsɛ 5.3; 8.7 Ɔkwasea ma nsɛm dɔɔso,

nso onipa nnim nea ɛreba,

na nea ɛbɛba n’akyi no, hena na ɔbɛkyerɛ no?

15Nkwasea haw hyɛ nea

onnim kurow mu kɔ brɛ.

16 Yes 3.4 Due, wo asase a wo hene yɛ abofra,

na wo mmapɔmma to pon anɔpa.

17Nhyira ne wo, asase a wo hene yɛ adehye ba,

na wo mmapɔmma to pon bere a ɛsɛ mu,

ahoɔden nti, na ɛnyɛ asabow nti.

18 Mmb 19.15 Akwadworɔ nti na mpuran hunhuan,

na anihaw ma ɔdan nwini.

19 Ate 9.13; Nnw 104.15 Ɔserew nti na wosiesie aduan,

na nsa ma ateasefo ani gye,

na sika na ɛyɛ ne nyinaa.

20 Eks 22.28 Mpo w’adwene mu no, nnome ɔhene,

anaa ɔdefo wɔ wo pia mu,

na wim nnomaa de nne no bɛkɔ,

na ntakraboa aka asɛm no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help