Adiyisɛm NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)

NHYƐNMUWɔkyerɛwee Yohane adiyisɛm no wɔ bere a na Akristofo refa ɔtaa mu esiane gyidi a na wɔkura sɛ Yesu Kristo ne Awurade no nti. Nea na ehia ɔkyerɛwfo no titiriw ne sɛ ɔbɛma n’akenkanfo anya anidaso ne nkuranhyɛ a wɔbetumi de atena ase nokwaredi mu wɔ ɔtaa bere mu.Nhoma no fa kɛse no yɛ adiyi ne anisoadehunu a ɛtoatoa so bi na wɔnam nsɛnkyerɛnne kasa a Akristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no bɛte ase, na bere koro no ara nso ayɛ ahintasɛm ama afoforo. Wɔnam anisoadehu ahorow so ka nhoma no botae mpɛn bebree wɔ akwan ahorow so. Ne nyinaa kyerɛ ntease a ɛwɔ botae ahorow a ɛwɔ nhoma no mu. Ɛwɔ mu sɛ adwenkyerɛ ahorow a ɛfa nkyerɛase pa ara wɔ nhoma yi ho de, nanso botae pɔtee no mu da hɔ pefee sɛ: Onyankopɔn nam Kristo a ɔyɛ Awurade no so bedi atamfo no so koraa, a Satan mpo ka ho bi. Afei, ɔde nhyira a ɛyɛ ɔsoro foforo ne asase foforo bɛma nnipa a wɔdi nokware ma no no. Eyi bɛyɛ wɔn akatua bere a saa nkonimdi yi beduru no.EMU NSƐMMfiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-8

Anisoadehu a edi kan ne nhoma a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason no 1.9—3.22

Nhoma mmobɔe a ɛwɔ nsɔano ahorow ason no 4.1—8.1

Torobɛnto ahorow ason no 8.2—11.19

Ɔtweaseɛ no ne mmoa abien no 12.1—13.18

Anisoadehu ahorow ason no 14.1—15.8

Onyankopɔn abufuw a egu ayowa ason mu 16.1-21

Babel asehwe, ne aboa no, ne odiyifo torofo ne ɔbonsam nkogu. 17.1—20.10

Atemmu a edi akyi no 20.11-15

Ɔsoro foforo, ne asase foforo ne Yerusalem foforo 21.1—22.5

Awiei 22.6-21

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help