1Na Seruia ba Yoab hui sɛ ɔhene koma wɔ Absalom ho.
2Na Yoab soma kɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbea nyansafo bi fi hɔ bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dan wo ho oyiyɛfo, na hyɛ ayiyɛ ntade nanso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbea a ofi gyam owufo akyɛ.
3Na kɔ ɔhene nkyɛn kɔka saa asɛm yi kyerɛ no. Na Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’anom.
4Na Tekoani bea no rekɔka akyerɛ ɔhene no, ɔde n’anim hwee fam kotow no kae sɛ: Ɔhene, boa!
5Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ɛyɛ wo? Na ose: Ampa, meyɛ okunafo, me kunu awu.
6Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu na wɔn baanu no kɔkoe wuram na ɔpatafo bi nni hɔ na obiako bɔɔ obiako ma owui.
7Deut 19.11-13 Na hwɛ, abusua no nyinaa asɔre ahyɛ w’afenaa na wose: Yi nea ɔbɔɔ ne nua no ma, na ne nua a wadi no awu no kra nti yenkum no na yɛnsɛe ɔdedifo no nso. Na wɔde rebɛhyew m’ase nyinaa, na wɔannyaw din anaa okyikafo bi amma me kunu, asase ani.
8Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Kɔ wo fi na mɛhyɛ wo ho ahyɛde.
9Na Tekoani bea no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura ɔhene, me ne m’agya fi so na ɛso yi nna na ɔhene ne n’agua nni bem.
10Na ɔhene kae sɛ: Obi ka wo asɛm bi a, fa no brɛ me na ɔrensan nka wo bio.
111 Sa 14.45; 1 Ah 1.52 Na ɔbea no kae sɛ: Ma ɔhene nkae AWURADE wo Nyankopɔn na mogya ho weretɔfo no ansɛe ade bio na wankum me ba. Na ose: Sɛ AWURADE te ase yi wo ba no nwi biako po rentɔ fam!
12Ɛnna ɔbea no kae sɛ: Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka me wura ɔhene asɛm bi. Na ose: Ka ɛ!
13Na ɔbea no se: Ɛnne ɛdɛn nti na woasusuw saa ade yi Onyankopɔn man ho na sɛ ɔhene reka asɛm yi a, ɔte sɛ nea odi so, sɛ ɔhene nkɔfa ne nipa a wɔapam no no nsan mma.
14Hes 18.23 Na owu de, yebewu ara na yɛte sɛ nsu a wɔahwie agu fam a wontumi nsesaw bio; nso Onyankopɔn de, onkum na mmom odwen nea ɛbɛyɛ na nea wɔapam no no wɔrempam no mfi ne ho.
15Na afei nea enti a mebae na me ne me wura ɔhene abɛka asɛm yi ne sɛ, ɔman no ma misuroe na w’afenaa kae sɛ: Me ne ɔhene bɛkɔ akɔkasa; ebia ɔhene bɛyɛ nea n’abaawa se no;
16sɛ ɔhene betie na wayi n’abaawa afi onipa a ɔpɛ sɛ ɔsɛe me ne me ba fi Onyankopɔn agyapade mu no nsam.
172 Sa 19.27 Na w’afenaa se: Wɔmma me wura ɔhene asɛm nyɛ me awerɛkyekye; efisɛ me wura ɔhene te sɛ Onyankopɔn bɔfo a ohu papa ne bɔne, enti AWURADE wo Nyankopɔn nni w’akyi.
18Ɛnna ɔhene bua ka kyerɛɛ ɔbea no se: Nsiw me asɛm a merebisa wo yi so. Na ɔbea no se. Me wura ɔhene nkasa ɛ!
19Na ɔhene kae sɛ: So Yoab nsa wɔ nsɛm yi nyinaa mu anaa? Na ɔbea no buae sɛ. Sɛ wo kra te ase yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛman nifa anaa benkum afi nea me wura ɔhene aka no nyinaa ho. Na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anom.
202 Sa 14.17 Sɛ ɔbɛdan asɛm no ani aka nti na w’akoa Yoab yɛɛ saa ade yi nanso me wura yɛ onyansafo sɛ Onyankopɔn bɔfo na ohu nea ɛwɔ asase so nyinaa.
21Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, mema wo kwan, na kɔ na kɔfa aberante Absalom san bra.
22Na Yoab de n’anim butuw fam, kotowee na ohyiraa ɔhene. Na Yoab kae sɛ: Ɛnnɛ na w’akoa ahu sɛ manya me wura ɔhene anim anuonyam, sɛ ɔhene ayɛ nea n’akoa aka akyerɛ no.
23 2 Sa 13.37 Na Yoab siim kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem.
24Na ɔhene kae sɛ: Ma ɔmman nkɔ ne fi na m’anim na ɔrenhu. Ɛnna Absalom man kɔɔ ne fi na wanhu ɔhene anim.
Absalom ne Dawid nkabom25Nso Israel nyinaa mu obiara nni hɔ a wɔkamfo n’ahoɔfɛ sɛ Absalom. Efi ne nan ase kosi ne mpampam dɛm biara nni ne ho.
26Na sɛ oyi ne ti, nso daa afe du a, oyi, efisɛ ɛyɛ no duru a, oyi na wɔkari ne ti nwi no a, esi nnwetɛbona ahanu, ɔhene abrammo so.
272 Sa 13.1 Na wɔwoo mmammarima baasa maa Absalom ne ɔbea biako a wɔfrɛ no Tamar; ɔyɛ ɔbea a n’anim yɛ fɛ.
28Na Absalom dii Yerusalem mfe abien nanso wanhu ɔhene anim.
29Na Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab sɛ ɔrebɛsoma no ɔhene nkyɛn nso wampɛ sɛ ɔba ne nkyɛn; na ɔsomae ne mprenu so bio nso wampɛ sɛ ɔba.
30Na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwɛ, Yoab afuw wɔ me de ho na ɔwɔ atoko wɔ hɔ, monkɔ nkɔto mu gya.
31Ɛnna Yoab sɔre baa Absalom nkyɛn ofie bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na wo nkoa de ogya akɔto m’afuw a mewɔ no mu?
32Na Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, masoma maba wo nkyɛn sɛ: Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn nkose no sɛ: Ɛdɛn nti na mifi Gesur mebae? Eye ma me sɛ anka meda so mewɔ hɔ. Enti afei mehu ɔhene anim; na sɛ ɛso bi da me so a, onkum me.
33Ɛnna Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no na ɔfrɛɛ Absalom na ɔbaa ɔhene nkyɛn na ɔkotow no de n’anim butuw fam ɔhene anim na ɔhene few Absalom ano.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.