Numeri NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUNumeri Nhoma no ka abakɔsɛm a ɛfa Israelfo mfe aduanan a wɔde twaa kwan fi Sinai Bepɔw ho de kɔduu bɔhyɛ asase no hye so wɔ apuei fam. Numeri Nhoma no ka Israelfo abakɔsɛm no mu ɔfa titiriw bi ho asɛm. Ɛfa kan a Mose kan Israelfo no huu wɔn dodow wɔ Sinai Bepɔw no ho, ansa na wɔretu afi hɔ akɔ. Wɔsan kan wɔn bio wɔ Moab asase so wɔ Asu Yordan fam mfe aduasa akyi. Israelfo no de mmere a ɛda nipakan a edi kan ne nea ɛto so abien no ntam no, kɔ kɔduu Kades Barnea wɔ Kanaan anafo fam tɔnn; nanso wɔantumi amfa hɔ ankɔ bɔhyɛ asase no so. Wɔtenaa Kades Barnea kyɛe pa ara, ansa na wɔretutu so akɔ asase a ɛda asu Yordan fam no so. Ɛha na wɔn mu binom tenae afebɔɔ, na wɔn a wɔkae no nso siesiee wɔn ho twaa asu no kɔɔ Kanaan.Numeri Nhoma no kaa ɔman bi a mpɛn pii wohyiaa amane maa wosuroe yiye a wɔpaa abaw no ho asɛm. Wɔtew Onyankopɔn ne Mose a Onyankopɔn yii no sɛ onni wɔn anim no so atua. Israelfo mmerɛwyɛ ne wɔn asoɔden nyinaa akyi no, Onyankopɔn dii wɔn nokware hwɛɛ wɔn so daa nyinaa. Ɛka Mose nokwaredi ho asɛm saa ara. Ɛwɔ mu sɛ ɛtɔ da bi a na ontumi nto ne bo ase de, nanso oyii ne yam som Onyankopɔn ne ne manfo nokware mu.EMU NSƐMIsraelfo no siesie wɔn ho tu fi Sinai Bepɔw ho 1.1—9.23Nnipakan a edi kan 1.1—4.49Mmara ne nhyehyɛe ahorow 5.1—8.26Twam afahyɛ a ɛto so abien 9.1-23Efi Sinai Bepɔw ho kodu Moab 10.1—21.35Nea esisii wɔ Moab asase so 22.1—32.42Akwantu a efi Misraim kɔɔ Moab no nsɛm tiawa 33.1-49Nea wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ ansa na wɔtwa Asu Yordan 33.50—36.13