1 1 Ah 15.16-22 Asa ahenni afe a ɛto so aduasa asia mu na Israel hene Basa foro baa Yuda so, na ɔkyekyee Rama sɛ ɔde resiw nea ofi adi ne nea ɔba mu, Yuda hene Asa fam, kwan.
2Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika fii AWURADE fi ne ɔhene fi akorade mu soma kɔmaa Siria hene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ:
3Apam wɔ me ne wo ntam, ne m’agya ne w’agya ntam; hwɛ, mabrɛ wo dwetɛ ne sika: Bra bebubu wo ne Israel hene Basa apam no mu, na omfi me so nkɔ.
4Na Ben-hadad tiee ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkurow aduan akorae nyinaa.
5Na Basa tee no, ogyaee Rama kyekye, na ɔmaa n’adwuma no kae.
6Ɛnna ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama abo ne nnua a Basa de kyekyee no, na ɔde kyekyee Geba ne Mispa.
Ɔdehufo Hanani animka7 Yer 17.5 Na ɛbere no mu no, ɔdehufo Hanani baa Yuda hene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wutweri Siria hene na woantweri AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siria hene dɔm no afi wo nsa.
82 Be 14.9-13 So Etiopiafo ne Libiafo no anyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodow ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mu? Na sɛ wutwerii AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.
9Na AWURADE de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no. Eyi mu woadi nkwaseasɛm, na efi sesɛɛ yi akodi bɛda wo hɔ.
102 Be 18.26; Mat 14.3 Na Asa nyaa ɔdehufo no ho abufuw, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, efisɛ ɔfaa no eyi ho abufuw. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛbere no mu.
Asa wu(1 Ahene 15.23-24)11 1 Ah 15.23-24 Na hwɛ, Asa ho nsɛm, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Yuda ne Israel ahene nhoma no mu.
12Na Asa yaree ne nan, n’ahenni afe a ɛto so aduasa akron mu, na ne yare no ano yɛ den pa ara, nanso ne yare no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfo.
13Na Asa wui, n’ahenni afe a ɛto so aduanan biako mu.
142 Be 21.9; Yer 34.5 Na wosiee no n’asiei a ɔbɔre fae, Dawid kurow mu no mu. Na wɔde no too nnae a nnuhuam ahorow a wɔafra no adufrafo kwan so ayɛ so ma no so, na wɔhyew ɔhyew kɛse pa maa no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
