Atemmufo 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔman no asoɔden ne Onyankopɔn abufuw

1Na AWURADE bɔfo fi Gilgal baa Bokim bɛkae sɛ: Miyii mo fii Misraim na mede mo mebaa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mise: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da;

2 na wɔbɔɔ AWURADE afɔre wɔ hɔ.

6Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfo nyinaa kokɔɔ wɔn agyapade so kodii asase no so.

7Yos 24.31 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma akɛse a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.

8Na Nun ba Yosua, Awurade akoa no, wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du;

9Yos 24.29-30 na wosiee no n’asase mu wɔ Timnat-heres, Efraim bepɔw so, Gaas bepɔw Atifi fam.

10Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso.

11Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

12Na wogyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wokodii anyame foforo a wofi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no anyame no mu akyi, na wɔsɔree wɔn, na woyii AWURADE abufuw.

13Na wogyaw AWURADE kɔsom Baal ne Astarot.

14Na AWURADE bo fuw Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa na wɔfow wɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.

15Lew 26.17; Deut 28.20 Baabiara a wofi adi kɔ no, AWURADE pa wɔn ma wodi nkugu, sɛnea AWURADE kae ne sɛnea AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.

16 Aso 13.20 Nanso AWURADE momaa Akannifo so ma wogyee wɔn nkwa fii wɔn afowfafo no nsam.

17Na wɔn Akannifo no nso, wɔantie wɔn, na wodii anyame foforo akyi aguamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wofii kwan a wɔn agyanom nantew so tiee AWURADE mmara nsɛm no so; na wɔn de, wɔanni so.

18Na sɛ Awurade ma akannifo so ma wɔn a, ɛnne Awurade di ɔkannifo no akyi na ogye wɔn fi wɔn atamfo no nsam, ɔkannifo no nna nyinaa, efisɛ wɔn ahawfo ne wɔn ataafo anim apinisi no nti, AWURADE yam hyehyee no.

19Na sɛ ɔkannifo no wu a, Israelfo no san wɔn akyi na wɔsɛe sen wɔn agyanom, di anyame foforo akyi, som wɔn, sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumɔyɛ ne wɔn kɔnsenee kwan so nantew.

20Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wontie me nne yi,

21me nso merenkɔ so mintu amanaman a Yosua wu gyaw wɔn no mu biara bio, wɔn anim,

22Ate 3.1, 4; Deut 8.2 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anantew so, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, anaasɛ wɔrenhwɛ.

23Enti AWURADE gyaw amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help