Mmebusɛm 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nyansahu mu nhyira

1Me ba, sɛ wutie me nsɛm,

na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,

2sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa,

na woakom wo koma ama ntease,

3 Yak 1.5 yiw, sɛ wusu frɛ nhumu,

na woma wo nne so frɛ ntease,

4sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ,

na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a,

5ɛno na wubehu AWURADE suro,

na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

6Na AWURADE na ɔma nyansa,

n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.

7 Ɔsɛ 7.29 Ɔkora nyansahu ma teefo,

ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,

8sɛ ɔbɛkari atemmu akwan,

na wahwɛ n’ahotefo kwan so.

9Ɛno na wubehu trenee ne atemmu

ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.

10Sɛ nyansa ba wo koma mu,

na nimdeɛ sɔ wo kra ani a,

11adwempa bɛhwɛ wo so,

na ntease abɔ wo ho ban,

12na ayi wo afi bɔne kwan mu,

ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho,

13afi wɔn a wogyaw trenee akwan

kɔnantew sum akwan so no ho,

14wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

wodi bɔne akɔntɔnkyesɛm ho ahurusi,

15wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea,

na wɔn akwan dannan.

16 Mmb 6.24; 7.5; 5.3 Na ayi wo afi ɔbea sansani nsam,

afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam;

17ɔno na wapa ne mmabaabere mu kunu,

na ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam;

18 Mmb 5.5-6 na ne fi kom kɔ owu mu,

na n’akwan kɔ nsamanfo mu:

19Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsan,

na wɔrensi nkwa akwan mu.

20Na woafa nnipa pa kwan so,

na woadi treneefo kwan so.

21 Nnw 37.9, 29; Mat 5.5 Na teefo na ɛbɛtena asase no so,

na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;

22 Nnw 37.10, 22 na wobegu abɔnefo ase afi asase so,

na wɔatu nkontompofo afi so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help