Eksodɔs 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔman no du Sinai

1Da a Israelfo siim fii Misraim asase so no, ne sram a ɛto so abiɛsa so pɛpɛɛpɛ na woduu Sinai sare so.

2Na wotu fii Refidim no, wɔbaa Sinai sare so bɛbɔɔ nsra sare no so; na Israel bɔɔ nsra bepɔw no anim hɔ.

3Na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn, na AWURADE fi bepɔw no so frɛɛ no sɛ: Sɛnea ka kyerɛ Yakob fi, na ka kyerɛ Israelfo no ni:

4Deut 32.11 Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi.

5Deut 7.6 Na afei sɛ mubetie me nne na moadi m'apam so a, ɛnne mobɛyɛ m'agyapade a ɛsom bo aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me.

61 Pe 2.9; Adi 1.6; Lew 19.2 Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. Eyinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfo.

7Na Mose bae bɛfrɛɛ ɔman no mpanyimfo, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim.

8Na ɔman mu no nyinaa buae prɛko sɛ: Nea AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose san kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

9Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me de, mereba wo nkyɛn omununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akosi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.

10Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnhoro wɔn ntade;

11na wonsiesie wɔn ho nsie da a ɛto so abiɛsa; na ɛda a ɛto so abiɛsa no, AWURADE besian ɔman no nyinaa anim aba bepɔw Sinai so.

12 Eks 34.3 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yiye na moamforo bepɔw no anaasɛ moanka ne hye. Obiara a ɔbɛka bepɔw no, owu na obewu;

13Heb 12.18-20 nsa biara nnka no, abo na wonsiw no anaasɛ mmɛmma na wɔntotow no; sɛ aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa. Sɛ wɔhyɛn torobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔw no.

14Na Mose sian fii bepɔw no so baa ɔman no nkyɛn, na odwiraa ɔman no ho, na wɔhoroo wɔn ntade.

151 Ko 7.5 Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munsiesie mo ho nsie da a ɛto so abiɛsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.

16 Heb 12.21 Na da a ɛto so abiɛsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne omununkum duruduru ne torobɛnto nne a ɛyɛ den yiye baa bepɔw no so. Na ɔman a wɔwɔ nsra no mu nyinaa ho popoe.

17Na Mose de ɔman no fii adi fii nsra no mu kohyiaa Onyankopɔn, na wokogyinagyinaa bepɔw no ase.

18Na wusiw kataa Sinai bepɔw no so nyinaa, efisɛ na AWURADE nam ogya mu asian aba so, na ne wusiw no tu kɔɔ ɔsoro sɛ ɔfononoo mu wusiw, na bepɔw no nyinaa wosowee biribiri.

19Aso 7.38 Na torobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛse gyee so.

20Na AWURADE sian baa Sinai bepɔw so wɔ bepɔw no atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔw no atifi, na Mose foro kɔe.

21Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔanhwirew mu amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.

22Na asɔfo nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE antow anhyɛ wɔn so.

23Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔw so, efisɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔw no ho hyeban na yɛ no kronkron.

24Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sian kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfo no ne ɔman no nnhwirew mu mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wantow anhyɛ wɔn so.

25Na Mose sian baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help