Hesekiel 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Hes 36.1; Mika 6.1 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn,

3na ka sɛ: Mo Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon ni: Hwɛ, mede nkrante mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,

4Lew 26.30 na mo afɔremuka adan afo, na wɔabubu mo wia adum no, na mama mo atɔfo agugu mo abosom ahoni anim,

5na mede Israelfo afunu magu wɔn abosom ahoni anim, na mabɔ mo nnompe mapete mo afɔremuka ho ahyia.

6Mo tenabea nyinaa nkurow bɛdan amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdan ahodwiriwde, sɛnea ɛbɛyɛ na mo afɔremuka adan afo ne ahodwiriwde, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo wia adum, na wɔagu mo nneyɛe no.

7Na atɔfo bɛhwehwe ase mo mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

8 Yes 6.13 Nanso megyaw mo ebinom a wobefi nkrante ano aka, amanaman mu, bere a wɔbɛbɔ mo apete nsaase so no.

9Deut 30.2 Na mo mu nnipa a wobefi mu afi no bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn aguamammɔ koma a atwe afi me ho ne wɔn aniwa a edi wɔn abosom akyi aguamammɔ mu no; na wɔn ankasa ho bɛyɛ wɔn nwini, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyide nyinaa mu no ho;

10na wobehu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi.

11Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fi akyide bɔne nyinaa nti wonnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano.

12Nea ɔwɔ akyirikyiri bewu owuyare ano, na nea ɔbɛn nso bɛtɔ nkrante ano, na nea waka ne nea wɔakora no so bewu ɔkɔm ano, na m’anibere bewie wɔn so.

131 Ah 14.23 Na mubehu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfo bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔw atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum kusukusuu nyinaa ase, nea wɔhyew hɔ aduhuam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.

14Hes 6.7 Na mɛteɛ me nsa mahyɛ wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwiriwde asen Ribla sare so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help