Nnwom 52 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Amimfo awieiWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid nnwenho dwom. Ɔtoe bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Ahimelek fi no

1

4Nkɔnkɔnsa tɛkrɛma, wopɛ amammɔesɛm ara nko.

5Onyankopɔn bɛbɔ wo ahwe fam koraa,

obeyi wo hɔ atu wo afi wo tenabea,

na watutu w’ase afi ateasefo asase so. Sela

6 Nnw 91.8 Treneefo nso behu asuro,

na wɔaserew no sɛ:

7Hwɛ, onipa a wamfa Onyankopɔn anyɛ n’ahoɔden,

na ɔde ne ho too n’ahode bebree no so,

na ɔhyɛɛ ne ho den, n’anibere mu, no ni.

8 Nnw 92.12-15 Na me de, mete sɛ ngo dua frɔmfrɔm, Onyankopɔn fi,

mede me ho meto Nyankopɔn dom so daa daa.

9Meyi wo ayɛ sɛ wo na woyɛe,

na mɛtwɛn wo din, efisɛ eye, w’ahotefo anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help