Yoel 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mmoadabi no

1AWURADE asɛm a ɛbaa Petuel ba Yoel nkyɛn ni.

2Muntie eyi, mo mpanyimfo,

na monyɛ aso, mo asase sofo nyinaa.

So saa ade yi aba mo bere so

anaasɛ mo agyanom bere so pɛn?

3Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma,

na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma,

na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.

4Mmɛbɛw nnikae,

mmoadabi adi,

na mmoadabi nnikae,

ntuntummɛ adi,

na ntuntummɛ nnikae,

mmɛbɛw adi.

5Mo asabofo, munnyan na munsu,

na mo nsanomfo nyinaa,

muntwa adwo, nsamono nti,

efisɛ wɔatwa afi mo anom.

6 Yoel 2.2, 25 Na ɛdɔm bi atu aba m’asase so,

wɔn ho yɛ den na wɔn dodow nni ano;

wɔn se te sɛ gyata se,

na wɔwɔ gyatabere nnyepi.

7Wɔasɛe me bobe pasaa,

na wɔapompam me borɔdɔma abaa;

wɔapompɔn ho hono agu,

na n’abaa ho ahoa fitafita.

8Twa adwo sɛ ababaa a ofura ayitam

ma ne mmabaabere mu kunu.

9 Yoel 1.13; 2.14 Wɔatwa aduan ayɛyɛde ne ahwiesa

afi AWURADE fi;

na asɔfo, AWURADE asomfo no,

di nkɔmmɔ.

10Mfuw asɛe,

asase di nkɔmmɔ,

na aduan asɛe,

nsamono ayow,

ngo so atɔre.

11Akuafo, mo ani nwu,

aturoyɛfo, awi ne atoko nti muntwa adwo,

efisɛ mfuw mu nnuan asɛe.

12Obobe akisa, na borɔdɔma atwam,

atea aba, abɛ nso ne akutuguaa;

petee mu nnua nyinaa akisa,

ampa, anika atu afi nnipa mma mu.

13 Yoel 1.9 Asɔfo, mommɔ mo ho so

na mommɔ bena, afɔremuka asomfo,

muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo,

mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa.

Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa

agyae mo Nyankopɔn fi ba.

14Monhyɛ abuadadi kronkron,

mompae asɔfo nhyiam, mommoa mpanyimfo ano,

asase sofo nyinaa mmra AWURADE mo

Nyankopɔn fi, na munsu mfrɛ AWURADE.

15 Yoel 2.1; Yes 13.6 Ao, ɛda no!

Na AWURADE da no abɛn,

na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfo nkyɛn.

16 Yoel 1.12; Deut 16.11 So wɔantwa aduan amfi

yɛn anim,

na anigye ne ahosɛpɛw

amfi yɛn Nyankopɔn fi anaa?

17Aba a wɔadua aporɔw n’akofi mu,

aduankora adan ada mpan,

asan abubu, na awi asɛe.

18Hwɛ sɛ mmoadoma penepene,

anantwikuw rebrɛ,

efisɛ wonni adidibea.

Nguankuw nso ti ato.

19 Yoel 2.3 Wo, AWURADE,

na misu mefrɛ wo,

efisɛ ogya ahyew sare so wura momono,

na ogyaframa ahyew petee mu nnua nyinaa.

20 Nnw 104.11 Wuram mmoa nso repere frɛ wo,

na nsuwansuwa ayoyow,

na ogya ahyew sare so wura momono.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help