Yesaia 61 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ogye a ɛbɛba no ho asɛmpa

1 Mat 11.5; Luka 4.18-19 AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so,

efisɛ AWURADE asra me

sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo;

wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ

mempae ahofadi menkyerɛ nnommum,

ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;

2 Lew 25.10; Yes 63.4 na mempae AWURADE anisɔ afe,

ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no;

menkyekye nkɔmmɔdifo nyinaa werɛ,

3menhyehyɛ Sion nkɔmmɔdifo

memma wɔnnɛnsow nsi nso mu da ananmu,

memma wɔn anika ngo minsi nkɔmmɔdi ananmu,

memma wɔn ayeyi ntade minsi honhom a watɔ beraw ananmu,

na wɔmfrɛ wɔn trenee nnua,

AWURADE tɛw nnua a ɛhyɛ no anuonyam.

4Na wɔbɛkyekye tete akurofo

ama kanfo amamfo so agyina,

na wɔayɛ nkurow agowagow

ne awo ntoatoaso santen no amamfo foforo.

5 Yes 60.10-16 Na ahɔho begyina ahwɛ mo nguan,

na ananafo ayeyɛ mo akuafo ne mo turoyɛfo.

6 Yes 66.21 Na mo de, wɔbɛfrɛ mo AWURADE asɔfo,

na wɔase mo sɛ: Yɛn Nyankopɔn asomfo;

mubedi amanaman ahonyade,

na mode wɔn adedodow ahoahoa mo ho.

7 Yes 40.2 Mo aniwu no ananmu mubenya mmɔho,

na ahohora ananmu mubedi mo kyɛfa ho ahurusi;

ɛno nti mubenya mmɔho, mo asase so,

daa anigye bɛyɛ mo dea.

8 Yes 54.10; 55.3 Na me, AWURADE, medɔ atemmu,

mikyi atirimmɔden ne dwowtwa,

na metua wɔn ka nokware mu,

na me ne wɔn apam daa apam.

9Na wobehu wɔn asefo, amanaman mu,

ne wɔn mma, aman mu;

obiara a n’ani bɔ wɔn so no behu wɔn

sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.

10 Mat 22.11-12 AWURADE mu na me ho sɛpɛw me,

na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi,

efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me,

ɔde trenee batakari asi me,

sɛ ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri,

ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho.

11Na sɛ asase ma ne mfifii pue,

na turo ma nea wɔadua mu fifi no,

saa ara na AWURADE Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi

afifi amanaman nyinaa anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help