1Na mise:
Muntie ɛ, Yakob atitiriw
ne Israel fi akannifo,
so ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ muhu atemmu?
2Mo na motan papa na modɔ bɔne,
mugua wɔn were fi wɔn ho,
ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho,
3 Nnw 14.4 na mo na moadi me man nam,
na moaworɔw wɔn were afi wɔn ho,
na moabubu wɔn nnompe mu,
na moatwitwa no sɛ kutu mu ade,
ne ɔsɛn mu nam.
4Ɛno ansa na wobesu afrɛ AWURADE,
nanso ɔremmua wɔn,
na ɔde n’anim behintaw wɔn bere no mu,
sɛnea wɔmaa wɔn nsɛnnii yɛɛ bɔne no.
5Sɛɛ na AWURADE ka tia adiyifo
a wɔdaadaa me man
na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ:
Asomdwoe! Na nea ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anom no,
wɔnoa no so sa no.
6Ne saa nti ade bɛsa mo, anisoadehu nni hɔ ma mo,
na esum aduru mo, mo nkɔmhyɛ ho,
na owia bɛtɔ adiyifo no so,
na adekyee adan wɔn so sum kabii;
7na adehufo no ani bewuwu,
na nkɔmhyɛfo no anim asinsiam,
na wɔn nyinaa bemuamua wɔn ano,
efisɛ Onyankopɔn mmuae bi nni hɔ.
8 Yes 58.1 Na me de,
AWURADE honhom mu tumi
ne atemmu ne mmaninyɛ ahyɛ me ma,
sɛ menkyerɛ Yakob ne mmarato,
ne Israel ne bɔne.
9Muntie eyi ɛ, Yakob fi atitiriw
ne Israel fi akannifo,
mo a mukyi atemmu
na mokyea nea ɛteɛ nyinaa,
10 Hab 2.12 mo a mokyekye Sion,
mogyahwiegu mu,
ne Yerusalem, akɔntɔnkyede mu.
11 Yer 7.4 Emu atitiriw gye ademmude
bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ,
na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm,
nanso wotweri AWURADE ka sɛ:
So ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntam yi?
Bɔne bi remma yɛn so.
12 Yer 9.10; 26.18 Ne saa nti,
mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw,
na Yerusalem adan abo akuakuw,
na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
