Yeremia 30 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israel ne Yuda nkrabea

1Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no se:

2Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Kyerɛw nsɛm a maka makyerɛ wo yi hyɛ nhoma mu fa.

3Yer 29.14 Na hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mede me man Israel ne Yuda nnommum mɛsan aba, AWURADE na ose, na mama wɔasan aba asase a mede memaa wɔn agyanom no so, na wɔabedi so.

4Na eyinom ne nsɛm a AWURADE kae Israel ne Yuda ho no,

5na sɛɛ na AWURADE se:

Yɛate ahopopo nne,

ehu aba, na asomdwoe nni hɔ.

6 Yes 13.8 Mummisa ɛ, na monhwɛ,

so ɔbarima bɛko awo anaa?

Ɛdɛn nti na mihu mmarima nyinaa

nsa sɛ esisi wɔn asen so, sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu yi?

Na anim nyinaa ayɛ fitaa yi?

7 Yoel 2.11; Sef 1.15 Buei! Ɛda no so

a ebi renyɛ sɛ ɛno,

na ɛyɛ ahohia bere ma Yakob;

nanso wobefi emu hɔ ara agye no nkwa.

8 Yer 27.12 Na ɛda no, asafo AWURADE asɛm ni, mebubu ne kɔndua afi wo kɔn so, na matetew wo nkyehama, na ananafo renni no nya bio.

9Yer 23.5; Hes 34.23 Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.

10 Yer 46.27; Yes 44.2 Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni,

na mma wo bo nntu, Israel,

na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri,

na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so;

na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo

a obi renyi no hu.

11 Yer 10.24 Na midi w’akyi sɛ megye wo nkwa, AWURADE asɛm ni;

na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa,

nso wo de, meremma wunwie sa,

na mɛtwe w’aso atɛntrenee so,

na bem de, meremma wunni.

12 Yer 15.8 Na sɛ AWURADE se ni:

Wo kuru ayɛ akisikuru,

wo pira nni asaye.

13Obi nni hɔ a odi ma wo

a ɔbɛtoto ama wo,

nnuru ne ntareso nni hɔ mma wo.

14W’adɔfo nyinaa werɛ afi wo,

wommisa w’akyi kwan.

Na ɔtamfo pira na mapira wo,

otirimmɔdenfo asotwe na mede matwe wo,

w’amumɔyɛ dodow so,

sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.

15Adɛn nti na wo kuru no nti wusu

sɛ wo yaw nni asaye?

W’amumɔyɛ dodow,

wo bɔne a emu yɛ den nti

na mayɛ wo sɛɛ yi.

16 Yes 33.1 Ɛno nti wɔn a wɔtetew wo nyinaa, wɔbɛtetew wɔn,

na wɔn a wohiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu,

na wɔn a wotwa wo dwow no, wobetwa wɔn dwow,

na wɔn a wɔfow wo nyinaa, mɛma wɔafow wɔn.

17 Yer 33.6 Na mɛkyekyere wo kuru,

na masa w’apirakuru,

AWURADE asɛm ni, efisɛ wɔfrɛ wo: Nea wɔapam no,

Sion a obi mmisa n’akyi kwan.

18 Yer 30.3 Sɛ AWURADE se ni:

Hwɛ, mede Yakob ntamadan mu nnommum meresan aba,

na me yam ahyehye me ne tenabea ho;

na wɔbɛkyekyere kurow no ne dabere,

na aban afɛfɛ nso besi nea ɛsɛ.

19Na aseda

ne agofo nne befi mu;

na mɛma wɔadɔɔso, na wɔrensua,

na mɛhyɛ wɔn anuonyam, na wɔrenyɛ ketewaa.

20Na ne mma bɛyɛ sɛ kan no,

na n’asafo no agyina m’anim pintinn,

na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔhaw no nyinaa aso.

21 Yer 30.9 Na wɔn hene befi wɔn ara mu,

na wɔn sodifo nso befi wɔn mu,

na mɛma watwiw abɛn me,

na hena ne nea obesi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me?

AWURADE asɛm ni.

22 Yer 24.7 Na wobɛyɛ me ɔman,

na me nso mayɛ wo Onyankopɔn.

23 Yer 23.19 Hwɛ, AWURADE ahum ne abufuhyew retu,

ahum a edi kyinhyia

besi abɔnefo atifi.

24AWURADE abufuw hyewhyew rensan,

gye sɛ ayɛ ne komam nsusuwii

ama atim ansa;

nna a edi akyiri no mu na mobɛte eyi ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help