Deuteronomium 31 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yosua si Mose ananmu

1Na Mose kɔe kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa.

2Deut 34.7; Deut 20.12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mfirihyia ɔha aduonu ba ne me nnɛ, mintumi mimfi adi na mintumi memma mu bio; nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.

3Deut 3.28 AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afi w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛnea AWURADE aka no.

4Num 21.21-35 Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛnea ɔyɛɛ Amorifo ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase.

5Deut 7.2 Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛnea mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa te.

6Monyɛ den na monyɛ nnam, munnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo.

7 Yos 1.6 Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.

8Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na obedi w’akyi, ɔrempa wo na ɔrennyaw wo; nsuro na mma wo bo nntu.

9Na Mose kyerɛw mmara yi, na ɔde maa asɔfo no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanyimfo nyinaa.

10Deut 15.1 Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirihyia ason awiei, adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu

11a Israel nyinaa aba rebepue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn asom.

12Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra ne wo hɔho a ɔwɔ wo nkurow mu mmɔ gua na wontie, na wonsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so:

13Na wɔn mma a wonnim no ntie, na wonsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ hɔ akodi so no so no nyinaa.

14Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebewu abɛn; frɛ Yosua bra, na mummegyina ahyiae ntamadan no mu, na menhyɛ no mmara. Na Mose ne Yosua bae begyinaa ahyiae ntamadan no mu.

15Eks 40.34 Na AWURADE de omununkum dum beyii ne ho adi ntamadan no mu, na omununkum dum no begyinaa ntamadan no ano.

16Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda, na ɔman yi bɛsɔre akodi asase a wɔrekɔ so hɔ no anananyame akyi aguamammɔ mu, na wɔagyaw me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pamee no.

17Na me bo befuw wɔn da no, na magyaw wɔn, na mayi m’ani mahintaw wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn ama wɔaka da no sɛ: So ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?

18Na me de, bɔne a wɔayɛ no nyinaa, sɛ wɔaman akɔ anyame foforo nkyɛn nti, da no, ohintaw na mede m’ani mehintaw.

19Deut 32 Na afei monkyerɛw dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfo; fa hyɛ wɔn anom, na dwom yi nni me adanse, Israelfo mu.

20Deut 32.15 Na mede wɔn medu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom a ɛsen nufusu ne ɛwo no so, na wobedidi amee na wɔayɛ akɛse, na wɔaman akɔ anyame foforo nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.

21Nnw 139.2 Na sɛ bɔne pii ne ahohia horow bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ ɔdansefo adi adanse wɔ wɔn anim, efisɛ ɛrempa wɔn asefo anom. Na minim wɔn adwene a wɔredwen nnɛ po, ansa na mede wɔn madu asase a mekaa ho ntam no so.

22Na Mose kyerɛw dwom yi da no ara, na ɔkyerɛɛ Israelfo no.

23Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfo bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no so: Na me na medi w’akyi.

Mose de mmara no hyɛ Lewifo nsa

24Na Mose kyerɛw mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nhoma mu wiei koraa no,

25Mose hyɛɛ Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ:

26Momfa mmara nhoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanse.

27Na me de, minim w’atuatew ne wo kɔn a asen; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi po moyɛ AWURADE anim atuatewfo, na me wu akyi ɛ!

28 Deut 32.1 Momma mo mmusuakuw mu mpanyimfo nyinaa ne mo ahwɛfo mmɛbɔ me nkyɛn gua, na menka nsɛm yi nyinaa mingu wɔn asom, na memfrɛ ɔsoro ne asase minni wɔn adanse.

29Na minim sɛ me wu akyi no, ɔsɛe na mobɛsɛe, na moaman afi ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, efisɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuw.

30Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel bagua nyinaa asom de kosii sɛ owiei.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help