Nnwom 110 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔsɔfo a odi hene(Mateo 22.44; Asomafo 2.34-35; Hebrifo 1.13; 5.6)Dawid dwom

1 1 Ko 15.25; Heb 10.12-13 AWURADE asɛm a osee me wura ni:

Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo

mɛyɛ wo nan ase ntiaso.

2 Nnw 2.6 Wo tumidi poma no, AWURADE fi Sion bɛteɛ.

“Di hene w’atamfo mfinimfini!”

3 Nnw 29.2 Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no,

adurade kronkron mu,

wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.

4 Gye 14.18-20; Heb 5.10; 6.20; 7.17, 21 AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho:

Woyɛ daapem sɔfo, Melkisedek dibea so.

5Awurade a ɔwɔ wo nifa so no

bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no.

6 Nnw 2.2, 5, 9 Obedi amanaman mu asɛm,

ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.

Ɔbɛbobɔ ti, asase a ɛtrɛw so.

7 Flp 2.8-9 Ɔbɛnom ɔkwan ho asuten mu nsu,

enti na ɔbɛma ne ti so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help