Amos 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Adwotwa ne ahonu frɛ

1Muntie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom, O Israel fi.

2Ababaa Israel atɔ, ɔrensɔre bio,

wɔahwe no ase n’asase so,

nea ɔbɛma no so nni hɔ.

3Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Kurow a wɔde apem fi adi bɛka ɔha,

na kurow a wɔde ɔha fi adi bɛka du

ama Israel fi.

4 Yer 29.13 Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fi ni:

Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa.

5 Amos 4.4; Hos 4.15 Na monnhwehwɛ Betel akyi kwan,

na monnkɔ Gilgal,

na munntwam nnkɔ Beer-seba;

na Gilgal begyina akɔ otukɔ mu, na Betel bɛdan ahuhuw.

6Monhwehwɛ AWURADE akyi kwan

na munnya nkwa,

na wampue sɛ ogya Yosef fi,

na wanhyew a obi a obedum nni hɔ mma Betel;

7 Amos 6.12; Yes 5.20 mo a modan atemmu awɔnwene

na mode trenee hwehwe fam no!

8 Hiob 38.31; Amos 9.6 Ɔno na ɔyɛ nsoromma ahorow a ebi ne:

Aberewa-ne-ne-mma ne Nyankrɛnte,

na ɔdan sum kabii adekyee,

na ɔma awia duru sum sɛ anadwo,

ɔfrɛ ɛpo mu nsu hwie gu asase ani,

AWURADE ne ne din.

9Ɔma ɔsɛe ba otumfo so sɛ anyinam,

na ɔsɛe nso ba aban a ɛyɛ den so.

10 Yes 29.21 Wɔtan nea ɔteɛ so, kurow pon mu,

na wokyi nea ɔka nsɛm a ɛyɛ pɛ.

11 Sef 1.13 Enti sɛ mutiatia ɔbrɛfo so

na mugye ne hɔ awi pae nti,

mode abo a wɔatwa atoto aban,

nanso morentena mu,

moatɛw bobe nturo a ɛyɛ fɛ,

nanso morennom mu nsa.

12Na minim sɛ mo mmarato dɔɔso

na mo bɔne mu yɛ den;

muhiahia ɔtreneeni ho na mugyigye mpata,

na mokyea ahiafo asɛm kurow pon mu.

13Ne saa nti ɔba nimdefo mua n’ano, ɛbere no mu,

efisɛ ɛyɛ bere bɔne.

14Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne,

na moanya nkwa,

na AWURADE, asafo Nyankopɔn, ne mo atena,

sɛnea moka no.

15 Nnw 34.15; Rom 12.9 Montan bɔne na monnɔ papa,

na momma atɛmpa ntim kurow apon mu;

ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn,

behu Yosef nkae no mmɔbɔ.

16Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, AWURADE no, se ni:

Adwotwa wɔ mmɔnten nyinaa so,

na wɔka mmorɔn nyinaa so sɛ: Buei, buei!

Na wɔfrɛ okuafo ma obesu,

ne wɔn a wonim osu ma wobetwa agyaadwo.

17Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu,

efisɛ mɛsan mafa wo mu,

AWURADE na ose.

18 Yoel 2.11 Wonnue, wɔn a wɔfe AWURADE da no!

AWURADE da yi bɛyɛ mo dɛn?

Ɛyɛ esum, na ɛnyɛ hann.

19Ɛte sɛnea obi guan fi gyata anim

na osisi hyia no,

na ɔba ofie na ɔde ne nsa tweri ɔfasu

na ɔwɔ ka no.

20So AWURADE da no yɛ sum?

So ɛyɛ hann? Ɛyɛ kusuu, na ɛnhyerɛn!

21 Yes 1.11-15 Metan na mepo mo nnapɔnna,

na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiam ho.

22 Mika 6.6-7 Na sɛ mobɔ mo hyew afɔre ma me

na mode mo aduan ayɛyɛde brɛ me a,

m’ani rensɔ,

na mo nyɛmmoa asomdwoe afɔre nso,

merenhwɛ.

23Yi wo dwonto gyegyeegye fi me so,

na merentie wo sankubɔ nso.

24Na atemmu mpirew mmra sɛ nsu,

na trenee mmra sɛ asu a ɛsen daa.

25 Aso 7.42-43 O Israel fi, so mode okum afɔre ne aduan ayɛyɛde brɛɛ me sare so mfirihyia aduanan?

26Mmom mosoa mo hene Sikut ne mo ahoni Kiun no, mo nsoromma anyame a moyɛ fae no.

27Enti metu mo akɔ Damasko akyi noho, AWURADE na ose, asafo Nyankopɔn ne ne din.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help