Mmebusɛm 23 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asetena mu nyansa ne teeyɛ

1Sɛ wotena ase ne ɔberɛmpɔn rebedidi a,

susuw nea ɛwɔ w’anim no ho yiye;

2na sɛ woyɛ odifudepɛfo a,

ɛte sɛ wode sekan reto wo menewa mu.

3Mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn,

na ɛyɛ nnaadaa aduan.

4 Mmb 28.22; Ɔsɛ 9.11 Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade,

gyae wo nhumu yi akyidi.

5So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi?

Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.

6Nni nea ɔwɔ ani bɔne aduan,

na mma n’adɔkɔdɔkɔde nnnɔ wo kɔn.

7Na sɛnea odwen ne mu no, sɛ ɔte ne no,

ose wo sɛ: Didi, nom! Nanso ne koma nni wo ho.

8Afono ma a woadi no, wobɛfe,

na wo nsɛm dɛdɛ no ayɛ ɔkwa.

9 Mmb 9.8 Nkasa ngu ɔkwasea asom,

na obebu wo kasa mu nimdeɛ no animtiaa.

10 Mmb 22.28 Ntwiw tete hye,

na nhyɛn nyisaa mfuw mu.

11Na wɔn gyefo no yɛ otumfo,

ɔne wo bedi wɔn asɛm ama wɔn.

12Fa wo koma bra nteɛso ho,

na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho.

13Mfa nteɛso nkame abofra;

na wode abaa hwe no a, ɔrenwu.

14 Mmb 13.24; 22.15 Sɛ wode abaa hwe no a,

na wode regye ne kra afi asaman.

15Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,

me koma bɛtɔ me yam,

me ara nso m’ani begye,

16na m’asaabo ho bɛsɛpɛw no,

sɛ w’ano reka nea ɛteɛ.

17Mma wo koma mmpere wo wɔ nnebɔneyɛfo ho,

na mmom AWURADE suro ho daa nyinaa.

18Na ampa ara, akyiri asɛm bi wɔ hɔ,

na wɔrentwa nea w’ani da so no nkyene.

19Me ba, wo de, tie, na hu nyansa,

na teɛ wo koma kɔ ɔkwan no so.

20 Luka 21.34 Mfra asadweamfo,

ne wɔn a wodi nam fuu no mu;

21 Mmb 23.29-35; 21.17; 20.13 na ɔsadweam ne odidifo bedi hia,

na nkotɔ de ntamagow fura onipa.

22 Mmb 1.8 Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo,

na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.

23Tɔ nokware, na ntɔn,

nyansa ne nteɛso ne nhumu nso.

24 Mmb 10.1 Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi,

na nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho.

25Ma w’agya ne wo na ani nnye,

na nea ɔwoo wo no nni ahurusi.

26Me ba, fa wo koma ma me,

na ma m’akwan nsɔ w’ani.

27 Mmb 22.14 Na oguamamfo yɛ amoa donkudonku,

na ɔbea sansani yɛ abura hihiaa.

28 Mmb 7.12 Ɔtɛw nso sɛ ɔkwanmukafo,

na ɔma nnipa mu nkɔnkɔnsafo dɔɔso.

29Hena na ɔwɔ ahohia mu, hena na ɔwɔ awerɛhow mu,

hena na ɔwɔ atutuw ne nkɔmmɔdi,

hena na ɔwɔ apirapira hunu ne ani a abere?

30 Mmb 20.1; Yes 5.11, 22 Wɔn a wɔkyɛ nsa ho,

wɔn a wɔkɔka afrasa hwɛ.

31Nhwɛ nsa sɛ ɛbere kɔɔ, na ani twa

kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no,

32akyiri no ɛka sɛ ɔwɔ,

na ɛwɔ bɔre sɛ ahurutoa.

33W’aniwa bɛhwɛ ananade,

na wo koma aka akɔntɔnkyesɛm.

34Na woayɛ sɛ nea ɔda po mfinimfini,

ne nea ɔda hyɛn nnua atifi.

35 Yes 56.12 Na wobɛka se:

Wɔbɔɔ me ade, nanso mante,

wɔhwee me, nanso mante,

bere bɛn na menyan,

na makɔpɛ nsa akyi kwan!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help