Deuteronomium 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Afɔrebɔde

1 Lew 22.20 Mfa nantwi anaa oguan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔre mma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.

2 Deut 13.6-11 Sɛ wohu wo mu, wo nkurow a ɔde rema wo no biara mu ɔbarima anaa ɔbea bi a ɔyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn ani so bu apam so,

3Deut 4.19 na ɔkɔ kɔsom anyame foforo sɔre wɔn, anaa owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo a mabra no mu biara,

4na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnne pɛ mu yiye; na sɛ wuhu sɛ ɛyɛ nokware, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ Israel a,

5ɛnne fa ɔbarima anaa ɔbea a wodii saa asɛmmɔne yi fi adi kɔ wo kurow apon ho, ɔbarima oo, ɔbea oo, na siw wɔn abo ma wonwu.

6Num 35.30; Heb 10.28 Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so na wɔmfa nkum nea ɔsɛ owu; wɔmmfa ɔdansefo biako anom asɛm so nnkum no.

7Adansefo no nsa na engu no so kan nkum no, na ɛno akyi no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no fi wo mu.

8Sɛ asɛm bi a ɛho atemmu yɛ wo den si wɔ mogya ne mogya ntam, asɛm ne asɛm ntam, ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam, na ɛyɛ wo nkurow mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnne sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ,

92 Be 19.8, 11 na kɔ asɔfo Lewifo ne ɔtemmufo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kobisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a bu;

10na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo, faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ, no so, na hwɛ na yɛ sɛnea wɔbɛkyerɛ wo nyinaa:

11Deut 17.20 Mmara a wɔbɛkyerɛ wo ne atemmu a wɔbɛka akyerɛ wo no so na di, mman mfi asɛm a wɔbɛkyerɛ wo no ho nkɔ nifa anaa benkum.

12Na onipa a obedi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfo a ogyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufo no, saa onipa no nwu;

13na yi bɔne no fi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wonsuro, na wɔanni ahantansɛm bio.

Ɔhene paw ne n’asɛde

14 1 Sa 8.5-6 Sɛ wudu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mesi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a,

15fa nea AWURADE wo Nyankopɔn beyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so.

161 Ah 10.25, 28 Nanso ɔmmma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsan nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodow; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsan mmfa ɔkwan yi so bio.

171 Ah 11.4 Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na ne koma amman; saa ara na ɔmmma ne dwetɛ ne sika nnnɔɔso pii.

18Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa;

19na ɛntena ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua AWURADE ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi,

20Deut 5.32 na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom, na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahenni mu, ɔno ne ne mma, Israel mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help