1 Hes 24.6, 9 Due, mogya kurow!
Wo a apoobɔ ne awudi ahyɛ wo mu nyinaa ma,
na afow no to ntwa wɔ mu.
2Ɔpɔnkɔ abaa gyigye, teaseɛnam nan yɛ kirididi,
apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam huruhuruw.
3Apɔnkɔsotefo nam so reba,
afoa pa nyinamnyinam,
na peaw pa yerɛwyerɛw,
atɔfo dɔɔso, awufo dodow, wontumi nkan,
na wohintihintiw wɔn afunu no.
4 Yes 23.16; Adi 17 Eyi nyinaa fi Niniwe aguaman hoɔfɛfo ntafowayifo no aguamammɔ dodow no,
ɔno na ɔde n’aguamammɔ tɔn amanaman,
na ɔde ne ntafowayi tɔn mmusuakuw.
5 Yes 47.3 Hwɛ, me ne wo anya,
asafo AWURADE asɛm ni,
na meyi w’atade mmuano afa w’anim,
na mama amanaman ahu w’adagyaw,
na ahenni aman ahu w’ahohora.
6Na mɛtow atantanne agu wo so,
na m’agoru wo ho,
na mede wo mayɛ ahwɛde.
7Na obiara a obehu wo no beguan,
na waka sɛ: Niniwe adan akurofo!
Hena na obedi no nkɔmmɔ?
Ɛhena na ɔbɛkyekye ne werɛ?
Ahantan ne adenya ho nni mfaso8 Yer 46.25 So wuye sen No-amon
a ɔte asuten ntam a nsu nko atwa ne ho ahyia
a n’aban ne ɛpo na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasu no?
9Etiopia ne Misraimfo yɛ ne dɔm a wɔyɛ den
a wontumi nkan wɔn bio.
Put ne Libiafo nso di boaa no.
10 Yoel 3.3 Ɛno nso akɔ otukɔ mu,
ɔkɔɔ nnommumfa mu,
ne mmotafowa nso, wɔde wɔn bobɔɔ mmorɔn nyinaa so
twitwaa wɔn mu asinasin,
na wɔtwee n’anuonyamfo so ntonto,
na woguu ne nnipa akɛse nyinaa mpokyerɛ.
11 Yer 25.15 Wo nso ahohiahia bɛbow wo
na woayera mu,
na wobɛhwehwɛ guankɔbea ɔtamfo anim.
12W’aban a ɛyɛ den nyinaa yɛ borɔdɔma nnua
a ɛso wɔ adɔmakan,
sɛ wɔwosow a,
ɛtotɔ odifo anom.
13Hwɛ, w’akofo yɛ mmea wɔ wo mu,
obue na wɔabue w’asase apon ama w’atamfo,
ogya ahyew w’apon akyi adaban.
14Sesaw ntoa nsu sie,
miamia w’abandennen mu!
Tia dɔte mu wɔw ɛbo,
miamia ntayaa fononoo no mu.
15 Yoel 1.4 Ɛhɔ ara na ogya bɛhyew wo,
afoa betwa wo akyene sɛ ntuntummɛ sɛe nnɔbae.
Ma wo dodow nyɛ sɛ ntuntummɛ,
na ɛnnɔɔso sɛ mmoadabi.
16Woama w’aguadifo adɔɔso
asen ɔsoro nsoromma;
nanso wɔte sɛ ntuntummɛ,
wogu so fow, na wotu kɔ.
17W’asafohene te sɛ mmɛbɛw,
na wo dɔm a woapɔn wɔn
te sɛ mmoadabi akuwakuw
a wɔsensam ban ho awɔw da;
owia fi a, wotu kɔ a obi bi nnim faako a wɔkɔ.
18W’ahwɛfo afa mu adeda,
O Asaria hene,
w’anuonyamfo deda hɔ;
wɔabɔ wo man apete mmepɔw so,
na ɔnoboafo nni hɔ.
19Wo kuru nni asaye,
wo pira no mu yɛ den;
obiara a ɔte wo nka no
bɔ ne nsam gu wo so;
na hena na watumi aguan
afi wo daadaa haw no ho?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.