Ester 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yudafo no sɛe wɔn atamfo

1Na ɔsram a ɛto so dumien a ɛne ɔsram Adar a ɛte sɛ: Ɔbɛnem no, da a ɛto so dumiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no dui sɛ wonni so no, da no ara a Yudafo atamfo ani daa so sɛ wobedi wɔn so na ɛdan sɛ: Yudafo no mmom na wodii wɔn atamfo no so,

2Est 8.17 Yudafo no boaboaa wɔn ho ano hyiaa wɔn nkurow mu, ɔhene Ahas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔrebɛtow ahyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, efisɛ wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

3Na nsase no so mmapɔmma ne amradofo akɛse ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafo no, efisɛ Mordekai ho hu aka wɔn.

4Na Mordekai yɛ onipa kɛse ɔhene no fi, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so yɛɛ kɛse ara.

5Na Yudafo no de afoa ne okum ne ɔsɛe kaa wɔn atamfo nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfo no sɛnea wɔpɛ.

6Na Susan aban no mu no, Yudafo no kunkum na wɔsɛee mmarima ahanum.

7Na Parsandata ne Dalfon ne Aspata,

8ne Porata ne Adalia ne Aridata

9ne Parmasta ne Arisai ne Aridai ne Waisata,

10Yudafo hohiafo Hamedata ba Haman mmammarima du no nso, wokunkum wɔn, na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.

11Da no ara nnipa a wokunkum wɔn Susan ahenkurow mu no dodow beduu ɔhene no asom.

12Est 5.6; 7.2 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔhemmea Ester sɛ: Susan ahenkurow mu na Yudafo akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du, na ɛdɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no so? Nanso ɛdɛn ne nea wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdɛn ne nea woda so repɛ na wɔnyɛ?

13Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma wonnya Yudafo a wɔwɔ Susan no kwan ɔkyena nso, na wɔnyɛ sɛnea ɛnnɛ mmara no te, na Haman mma du no, wɔnsensɛn wɔn dua no so.

14Na ɔhene no kae sɛ wɔnyɛ sa, na wɔhyɛɛ mmara no Susan, na wɔsensɛn Haman mmammarima du no.

15Na Yudafo a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano ɔsram Adar da a ɛto so dunan nso, na wokunkum mmarima ahasa Susan. Na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.

16Na Yudafo no nkae a wɔwɔ ɔhene no nsaase no so no nso boaboaa wɔn ho ano hyiae, na wɔperee wɔn nkwa, na wonyaa wɔn atamfo ho asomdwoe, na wokunkum wɔn atamfo no mu nnipa ɔpeduɔsɔn anum, na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka,

17ɔsram Adar da a ɛto so dummiɛnsa, so, na wonyaa ɔhome ne da a ɛto so dunan no so. Na wɔde yɛɛ apontow ne anigye da.

Wɔhyɛ Purim afahyɛ ase

18Na Yudafo a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano, ne da a ɛto so dumiɛnsa ne ne da a ɛto so dunan, na wonyaa ɔhome ne da a ɛto so dunum, na wɔde yɛɛ apontow ne anigye da.

19Enti Yudafo a wɔwɔ nkuraa ase a wɔtete nkurow a ɛho nni afasu mu no de ɔsram Adar da a ɛto so dunan no yɛ apontow ne anigye da ne dapa a wɔde nneɛma mema wɔn ho.

20Na Mordekai kyerɛw nsɛm yi, na ɔsoma ma wɔde nhoma kɔmaa Yudafo a wɔwɔ Ɔhene Ahas-weros nsaase nyinaa so no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no,

21sɛ wɔmma eyi ntim wɔn tirim sɛ wonni ɔsram Adar da a ɛto so dunan ne ne da a ɛto so dunum no daa afe,

22sɛ nna a Yudafo nyaa mu home fii wɔn atamfo nsam, ne ɔsram a ɛdan wɔn fii awerɛhow mu kɔɔ anigye mu na efii nkɔmmɔdi mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontow ne anigye ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafo adekyɛ nna.

23Na Yudafo no soo nea wɔafi ase reyɛ ne nea Mordekai kyerɛw brɛɛ wɔn no mu,

24Est 3.7 sɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafo no nyinaa tamfo no, dwen Yudafo no ho sɛ ɔbɛsɛe wɔn, na ɔbɔɔ Pur, ɛne ntonto, sɛ ɔbɛdwerɛw wɔn na wasɛe wɔn,

25Est 9.14; 7.10 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkae nhoma no mu, sɛ n’adwemmɔne a odwen Yudafo no ho no nsan mmebua n’atifi na wɔnsɛn no ne ne mma dua no so.

26Enti wɔfrɛɛ nna yi Purim, sɛ Pur din no te. Enti nso, nhoma yi mu nsɛm no nyinaa ne nea wohui asɛm yi mu ne nea ɛtɔɔ wɔn so no nti,

27Yudafo no ma etimii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefo ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbata wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna abien yi di nntwa wɔn ti so, sɛnea wɔakyerɛw no, ne bere a wɔahyɛ no te, daa afehyia biara mu.

28Na wɔnkae nna yi na wonni, awo ntoatoaso, mmusua, nsase ne nkurow nyinaa so, na Purim nna yi nntwa Yudafo no ti so, na ne nkae nso to nntwa wɔn asefo mu.

29Na ɔhemmea Ester a ɔyɛ Abihail ba no, ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa kyerɛwee, sɛ wɔbɛma Purim nhoma a ɛto so abien yi atim.

30Na ɔsomae ma wɔde nhoma kɔmaa Yudafo nyinaa, wɔ Ɔhene Ahas-weros ahenni nsaase ɔha aduonu ason no so, ɔmannwoe ne nokwaredi nsɛm,

31sɛ wɔde rema Purim nna yi atim, ne bere a wɔahyɛ no mu, sɛnea Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ester ahyɛ wɔ wɔn mu no, ne sɛnea wɔama mmuadadi ne wɔn sufrɛ nsɛm no atim, wɔn kra ne wɔn asefo mu no.

32Na Ɔhemmea Ester mmara no maa Purim nsɛm yi timii, na wɔkyerɛwee wɔ nhoma no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help