2 Berɛsosɛm 36 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yuda hene Yehoahas(2 Ahene 23.30-35)

1 2 Ah 23.30—25.21 Na asase no sofo no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene sii n’agya ananmu Yerusalem.

2Yehoahas dii mfe aduonu abiɛsa na obedii hene, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem.

3Na Misraim hene no tuu no ade so, Yerusalem, na ogyee asase no aboyuw dwetɛ dwetikɛse ɔha ne sika dwetikɛse.

Yuda hene Yehoiakim(2 Ahene 23.36—24.7)

4Na Misraim hene no de Yehoahas nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdan ne din Yehoiakim. Na ne nua Yehoahas de, Neko faa no kɔɔ Misraim.

5Yehoiakim dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne.

6 Yer 22.18 Ɔno so na Babel hene Nebukadnesar foro bae, na ɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ ɔde no rekɔ Babel.

7Esra 1.7 Na AWURADE fi nneɛma no bi nso Nebukadnesar de kɔɔ Babel kosiee n’ahemfi wɔ Babel.

8Na Yehoiakim ho nsɛm nkae ne n’akyide a ɔyɛe ne nea wohui ne ho no, hwɛ, wɔakyerɛw no Israel ne Yuda ahene nhoma no mu. Na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.

Yuda hene Yehoiakin(2 Ahene 24.8-17)

9Yehoiakin dii mfe awotwe na obedii hene, na odii hene asram abiɛsa ne dadu Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

10Yer 22.24-30 Na ɔfefɛw bere wɔ afe no mu dui no, ɔhene Nebukadnesar soma bɛfaa no kɔɔ Babel, na AWURADE fi agyapade no nso ɔsoaa ne nyinaa kɔe, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.

Yuda hene Sedekia(2 Ahene 24.18-20; Yeremia 52.1-3)

11 Yer 52.1-27 Sedekia dii mfe aduonu biako na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem.

12Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne; wammrɛ ne ho ase odiyifo Yeremia a ɔkasa AWURADE ano no anim.

13Nanso ɔtew ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam no anim atua. Na osen ne kɔn na opirim ne koma sɛ ɔrensan mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.

14Deut 18.9 Nso asɔfo no mu mpanyin nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyide nyinaa, na woguu AWURADE fi a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi.

15Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.

16Luka 20.10-12; Aso 7.52 Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ AWURADE abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.

Babel tukɔ

17Na oyii Kaldeafo hene no baa wɔn so, na ɔde nkrante bekunkum wɔn mmerante, wɔn kronkronbea fi, na wankyɛe aberante ne ababaa, akwakoraa ne nea wafuw dwen so, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.

18Na Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa ne AWURADE fi akorade ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akorade, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.

19Na wɔhyew Onyankopɔn fi no, na woburuw Yerusalem fasu no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyewee, na emu afɛfɛde nyinaa sɛee.

20Na nkae a wɔkae afoa ano no, otutuu wɔn kɔɔ Babel, na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kosii Persia ahenni so,

21Lew 26.34; Yer 25.8-11 sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu, sɛ enkosi sɛ asase no bedi ne home mfe no: Amamfoyɛ nna no nyinaa na ɛbɛhome akosi sɛ mfirihyia aduɔsɔn bewie du.

Kores gya ɔman no kwan(Esra 1.1-4)

22 Esra 1.1-3 Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔkɔpaee n’ahenni nyinaa mu; na wɔkyerɛwee nso sɛ: Yer 29.10; Yes 44.28

23Sɛ Persia hene Kores se ni: Asase so ahenni nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi; na ɔmforo nkɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help