2 Samuel 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid ne Mefiboset

1Na Dawid kae sɛ: So obi da so wɔ hɔ a waka Saul fi, na Yonatan nti menyɛ no adɔe?

22 Sa 16.1 Na Saul fi akoa bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wokohyiaa no baa Dawid nkyɛn no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: So wone Siba? Na ose: W’akoa ne no.

32 Sa 4.4 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So obi nni hɔ bio Saul fi a mede Onyankopɔn adɔe mɛyɛ no? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ne nan asinsen.

42 Sa 17.27 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Amiel ba Makir fi wɔ Lo-debar.

5Na ɔhene soma ma wɔkɔfaa no Amiel ba Makir fi wɔ Lo-debar bae.

6Na Saul ba Yonatan ba Mefiboset duu Dawid nkyɛn no, ɔde n’anim hwee fam kotow no. Na Dawid kae sɛ: Mefiboset! Na ose: W’akoa ni.

7Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔe na madan w’agya Saul asase nyinaa mama wo na woadidi me pon so daa yi.

81 Sa 24.15 Na ɔkotow kae sɛ: W’akoa ne hena a worehwɛ no teta sɛ, ɔkraman funu yi?

9Ɛnna ɔhene frɛɛ Saul abofra Siba na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ade nyinaa a ɛyɛ Saul ne ne fi nyinaa de no, mede mama wo wura ba.

10Enti dɔw asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa so aba bra na wo wura ba nnya aduan nni. Na wo wura ba Mefiboset de, onnidi me pon so daa yi. Nso Siba wɔ mmammarima dunum ne nkoa aduonu.

112 Sa 19.28 Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene ahyɛ n’akoa nyinaa no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na ɔhene kae sɛ: Mefiboset de, onnidi me pon so sɛ ɔhene mma mu bi.

12Na Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Mika. Na wɔn a wɔte Siba fi nyinaa yɛ Mefiboset nkoa.

132 Sa 9.3 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pon so na odidi daa yi. Na ɔtɔ ne nan abien so apakye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help