1 Eks 6.18, 21; Deut 26.9; Yuda 11 Na Lewi ba Kohat ba Ishar ba Kora ne Eliab mma Datan ne Abiram ne Pelet ba On a wofi Ruben abusua mu, faa nnipa bi,
2Deut 12.1-2 na wɔne Israelfo mu mmarima ahanu aduonum a wɔyɛ asafo no mu mmapɔmma a wɔayi wɔn sɛ baguafo, nnipa a wɔwɔ din, sɔre tiaa Mose;
3na wɔbɔɔ Mose ne Aaron so gua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moayɛ bi! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, AWURADE wɔ wɔn mu biara mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so AWURADE bagua so?
4Deut 14.5 Na Mose tee no, ɔde n'anim butuw fam;
52 Tim 2.19 na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n'asafo no nyinaa sɛ ɔkyena nko ara AWURADE bɛma wɔahu nea ɔyɛ ne de ne nea ɔyɛ kronkron a ɔbɛma wabɛn no; na nea ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma wabɛn no.
6Eyi na monyɛ Kora ne n'asafo no nyinaa, momfofa aduhuam nkukuwa,
7na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhuam ngu so, AWURADE anim ɔkyena; na onipa a AWURADE beyi no no, ɔbɛyɛ kronkron. Afei de, ayɛ yie, mo Lewi mma!
8Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Mo Lewi mma, muntie me ɛ!
9Deut 3.6-13; 4.4-20 So ɛyɛ mo ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn no atew mo afi Israel asafo ho sɛ ɔde mo rebɛn ne ho na moayɛ AWURADE tenabea no ho adwuma, na moagyina asafo no anim asom wɔn?
10Na wama wo ne wo nuanom Lewi mma a wɔka wo ho nyinaa abɛn no, na morepɛ asɔfodi nso yi?
11Eks 16.7 Enti AWURADE na wo ne w'asafo nyinaa ahyia atia no; na Aaron de, hena ne no na munwiinwii hyɛ no?
12Na Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram; na wose: Yɛremma!
13So ɛyɛ adewa sɛ woayi yɛn afi asase a ɛsen nufusu ne wo so rebekum yɛn sare so, na woredi yɛn so mmakomasɛm nso yi?
14Eks 3.8, 17 Nso womfaa yɛn mmaa asase a ɛsen nufusu ne ɛwo so, na wommaa yɛn mfuw ne nturo sɛ yenni so; na mmarima yi aniwa na worebetutu? Yɛremma!
15 1 Sa 12.3; Aso 20.33 Ɛnna Mose bo fuwii pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnan w'ani nkyerɛ wɔn aduan afɔre. Minnyee wɔn nsam afurum biako po ɛ, nanso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi ɛ.
16Na Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ: Wo ne w'asafo no nyinaa mmra AWURADE anim, wo ne wɔn ne Aaron mmra ɔkyena;
17na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhuam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra.
18Na wɔn mu biara faa ne kukuwa, na wɔsosɔɔ ogya guguu mu, na wɔde aduhuam guguu so de begyinagyinaa ahyiae ntamadan no ano, wɔne Mose ne Aaron.
19Deut 14.10 Na Kora maa asafo mu no nyinaa bɔɔ wɔn so gua hyiae ntamadan no ano. Na AWURADE anuonyam yii ne ho kyerɛɛ asafo mu no nyinaa.
20Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:
21Montwe mo ho mfi asafo yi mu, na memmene wɔn afrɛso.
22Hiob 12.10; 2 Sa 24.17 Na wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! So ɔbarima biako bɛyɛ bɔne na wo bo ahuru asafo mu no nyinaa?
23Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ asafo no sɛ
24Montwe mo ho so mfi Kora, Datan ne Abiram tenabea ho.
25Na Mose sɔre siim kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn; na Israel mpanyimfo dii n'akyi kɔe.
26Na ɔkasa kyerɛɛ asafo no sɛ: Montwe mo ho mfi nnipa bɔnefo yi ntamadan ho ɛ, na monnka wɔn biribiara, na wɔampra mo ne wɔn bɔne nyinaa ankɔ.
27Na wɔmaa wɔn ho so fii Kora, Datan ne Abiram tenabea ho. Na Datan ne Abiram fii adi begyinagyinaa wɔn ntamadan ano, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn mmotafowa nyinaa.
28Na Mose kae sɛ: Eyi na mode behu sɛ AWURADE na ɔsomaa me sɛ menyɛ nneyɛe yi nyinaa, na emfi m'ankasa.
29Sɛ nnipa nyinaa owu na eyinom bewuwu na nea ɛto nnipa nyinaa na ɛto wɔn a, ɛnne na ɛnyɛ AWURADE na ɔsomaa me;
30na sɛ ade foforo na AWURADE bɛbɔ na asase bebue n'ano amene wɔn ne nea ɛwɔ wɔn nyinaa na wɔnam anikan asan akɔ asaman a, ɛnne munhu sɛ mmarima yi ayi AWURADE ahii.
31 Deut 11.6 Na owiee nsɛm yi nyinaa ka no, wɔn ase asase paee,
32na asase buee n'ano menee wɔn ne wɔn afi ne nnipa a wɔka Kora ho no nyinaa ne wɔn ade nyinaa;
33na wɔne nea wɔwɔ nyinaa nam anikan sian kɔɔ asaman, na asase sram wɔn so, na wɔyerae wɔ ɔman asafo no mu.
34Na Israelfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa guanee, wɔn gyegyeegye no ano, kae sɛ: Anyɛ a, asase bɛmene yɛn nso!
35Lew 10.1-2; Nnw 106.18 Na ogya fii AWURADE nkyɛn bɛhyew mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhuam no bae no.
36Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
37Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron ba Eleasar, na ɔntase nkukuwa no mfi nhyewee no mu, na dwiriw ogya no petepete; na ɛyɛ kronkron:
38Nnebɔneyɛfo yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abona atɛtrɛtɛ nkata afɔremuka no ho, efisɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne mma Israelfo.
39Na ɔsɔfo Eleasar faa kɔbere nkukuwa a wɔn a wɔahyew no de bae no, na wɔboro de yɛɛ afɔremuka no ho nkataho,
40Num 1.51 sɛ ɔnyɛ Israelfo nkae ade, na onipa foforo a omfi Aaron asefo mu no ammɛn ammɛhyew aduhuam, AWURADE anim, na anyɛ no sɛ Kora ne ne dɔm no, sɛnea AWURADE nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
41Na n'adekyee no Israel asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE man.
42Deut 14.10 Na asafo no boaboaa wɔn ho ano hyɛɛ Mose ne Aaron no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ ahyiae ntamadan no, na hwɛ, omununkum no akata so, na AWURADE anuonyam yii ne ho adi.
43Na Mose ne Aaron baa ahyiae ntamadan no anim.
44Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
45Deut 16.4, 22 Monsɔre mfi asafo yi mu na memmene wɔn afrɛso. Na wɔde wɔn anim butubutuw fam.
46 Eks 28.38; Lew 16.13 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kukuwa no, na sɔ afɔremuka no so gya gu mu, na yɛ ntɛm fa kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn; na AWURADE bo afuw, ɔyaredɔm no afi ase.
47Na Aaron faa nea Mose kae no, na otuu mmirika kɔɔ asafo no mu; na hwɛ, ɔyaredɔm no afi ase ɔman no mu; na ɔde aduhuam no mae de pata maa ɔman no.
48Na ogyinaa awufo ne anikanfo no ntam, na wosiw ɔyaredɔm no ano.
49Na nnipa a wowuwui ɔyaredɔm no mu ano si mpem dunan ne ahansɔn, ɛsono wɔn a Kora asɛm no nti wowuwui no.
50Na ɔyaredɔm no to twae, Aaron san baa Mose nkyɛn ahyiae ntamadan no ano.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.