Eksodɔs 40 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wotu Tenabea no hyɛ AWURADE nsa

1 Eks 25.1-31 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si ahyiae ntamadan no tenabea no.

3Na fa adanse adaka no si mu, na fa ntwamu mmɔhɔɔ no kata adaka no ani.

4Na fa ɔpon no kɔ mu, na siesie nea wɔde sisi so no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa n'akanea sisi so.

5Na fa sika aduhuamhyew muka no kosi adanse adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛn hɔ.

6Na fa ɔhyew afɔremuka no si ahyiae ntamadan tenabea no ano.

7Na fa asankasɔn no si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu.

8Na sisi adiwo no hyia, na fa adiwo no abobow ano nkataano no sɛn hɔ.

9Na fa ɔsra ngo no sra tenabea no ne emu ade nyinaa, na yɛ ɛno ne ɛho nneɛma nyinaa kronkron na ɛnyɛ akronkronne.

10Na sra ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ngo, na yɛ afɔremuka no kronkron, na afɔremuka no nyɛ akronkronne mu adekronkron.

11Na sra asankasɔn ne ne ntaase no ngo, na yɛ no kronkron.

12Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn.

13Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na onni me sɔfo.

14Na fa ne mma nso bra, na hyehyɛ wɔn ntade,

15na sra wɔn ngo sɛnea wosraa wɔn agya no, na wonni me asɔfo, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodi, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.

16Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.

17Na afe a ɛto so abien no sram a edi kan no da a edi kan no, wosii tenabea no.

18Na Mose sii tenabea no, na ɔhyehyɛɛ ne nnyinaso na ogyinagyinaa ne ntaaboo no, na ɔde ne mmeamu no beabeaa mu, na ogyinagyinaa ne nsisimu adum.

19Na ɔyeree ntamadan no kataa tenabea no so, na ɔde ntamadan no nkataso no kataa so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

20Na ɔfaa Adanse no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata agua no sii adaka no so;

21na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na osii ntwamu mmɔhɔɔ no, na ɔde kataa adanse adaka no ano, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

22Na ɔde ɔpon no sii ahyiae ntamadan no mu, tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ benkum fam, wɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi;

23na osiesiee ɛso abodoo AWURADE anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

24Na ɔde kaneadua no sii ahyiae ntamadan no mu, ɔpon no ntentenso wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ nifa fam;

25na ɔde akanea no sisii so AWURADE anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

26Na ɔde sika afɔremuka no sii ahyiae ntamadan no mu, ntwamu mmɔhɔɔ no anim;

27na ɔhyew so aduhuam, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

28Na ɔde nkataano no sɛn tenabea no ano;

29na ɔde ɔhyew afɔremuka no sii ahyiae ntamadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

30Na ɔde asankasɔn no sii ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na ɔde nsu guu mu sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho.

31Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho;

32sɛ wɔkɔ ahyiae ntamadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔremuka no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

33Na osii adiwo no de twaa tenabea no ne afɔremuka no ho hyiae, na ɔde adiwo no abobow ano mmɔhɔɔ no sɛn hɔ. Na Mose wiee adwuma no.

Omununkum bɛkata tenabea no so

34 Eks 13.21; Deut 9.15-23; 1 Ah 8.10-11; Yes 4.5; Hes 43.5 Ɛnna omununkum no bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na AWURADE anuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma.

35Na Mose antumi anhyɛn ahyiae ntamadan no mu, efisɛ omununkum no te so, na AWURADE anuonyam ahyɛ tenabea no ma.

36Num 10.34-36 Na Israelfo akwantu no nyinaa mu, omununkum no ma ne ho so fi tenabea no so a, na wɔkɔ wɔn anim;

37na sɛ omununkum no amma ne ho so a, ɛnne wontu ara kosi da a ɛma ne ho so.

38Efisɛ wɔn akwantu no nyinaa mu na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fi no nyinaa anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help