Hesekiel 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɛsɛ obiara sɛ ɔsoa n’ankasa asodi

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Yer 31.29 Mudwen dɛn na mubu bɛ yi Israel asase so sɛ: Agyanom adi bobe bun, na mma se afemfem, no?

3Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio.

4Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba kra wɔ me ara ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.

5Na sɛ onipa yɛ ɔtreneeni, na ɔyɛ atemmude ne atreneede,

6Lew 18.19-20 na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw no, na onhura ne yɔnko yere ho na ɔnkɔ ɔbea a wabu nsa ho,

7Nnw 15.3; Deut 24.10-13 na ɔnhyɛ obi so, na ɔde ɔkafoni awowaside san ma no, na ɔnyɛ ɔpempensifo, ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama,

8Eks 22.25 na ɔnhyɛ hurufɛm na onnye nsiho, na ɔtwe ne nsa fi abusude ho, na obu onipa ne onipa ntam nokwatɛn,

9na ɔnam m’ahyɛde mu, na odi m’atemmude so di nokwasɛm a, ɔno na ɔtreneeni ne no; nkwa na obenya, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

10Na sɛ ɔwɔ ɔba busufo a ɔka mogya gu, na ɔyɛ eyinom mu biako pɛ,

11na ɔno ankasa de, wanyɛ eyinom mu biara, na sɛ nso odi afɔreduan wɔ mmepɔw no so, na ɔkɔ ne yɔnko yere ho,

12na ɔhyɛ ɔbrɛfo ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempenside nso ɔnnan mma, na ɔma n’ani so hwɛ ahoni huhuw yɛ akyiwade,

13na ɔhyɛ hurufɛm, na ogye nsiho a, so obenya nkwa? Ɔrennya nkwa! Wayɛ akyide yi nyinaa, owu na obewu, ne mogya bebua n’atifi.

14Na hwɛ, ɔwo ɔba, na ɔno de, ohu n’agya bɔne a ɔyɛ nyinaa, na osuro, na ɔnyɛ saa bi,

15na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw, na ɔnkɔ ne yɔnko yere ho,

16na ɔnhyɛ obi so, na onnye awowaside nsie na ɔnyɛ ɔpempensifo, na ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama,

17na osianka ne nsa fi ɔbrɛfo ho, na onnye mfɛntom ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmude nam m’ahyɛde mu a, ɔno de, ɔrenwu n’agya amumɔyɛ mu; nkwa na obenya.

18N’agya no, sɛ wadi amim, asisi ne nua na wayɛ nea enye, ne man mu nti, hwɛ, obewu n’amumɔyɛ mu.

19Na moka sɛ: Ɛdɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumɔyɛ bi? Na sɛ ɔba no ayi atemmude ne atreneede adi m’ahyɛde nyinaa so ayɛ a, nkwa na obenya.

20Eks 20.5; Num 26.11 Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu; ɔba rensoa n’agya amumɔyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumɔyɛ bi; ɔtreneeni trenee bɛtena no so, na ɔbɔnefo abɔnefosɛm bɛtena no so.

Onyankopɔn ani sɔ ahonu

21Na ɔbɔnefo nso, sɛ ɔsan fi ne bɔne a wayɛ nyinaa mu, na odi m’ahyɛde nyinaa so yɛ atemmude ne atreneede a, nkwa na obenya, ɔrenwu.

22Yes 43.25; 44.22 Ne mmarato ade a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae mma no bio; ne trenee a wayɛ no mu na obenya nkwa.

23Hes 18.32; 33.11 So ɔpɛ na mepɛ ɔbɔnefo wu? AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; so ɛnyɛ sɛ ɔsan fi ne kwan so na onya nkwa na mepɛ?

24Hes 3.20 Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude ne akyide a ɔbɔnefo yɛ nyinaa a, so obenya nkwa anaa? Ne trenee a ɔyɛe nyinaa, wɔrenkae; ne fom a wafom ne ne bɔne a wayɛ no mu, emu na obewu.

25 Hes 33.17-20 Nanso moka sɛ: Awurade kwan nteɛ. Muntie ɛ, Israel fi: So me kwan nteɛ? So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ?

26Sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude na owu wɔ mu a, n’abusude a ɔyɛe no mu na owui.

27Nso sɛ ɔbɔnefo san fi n’abɔnefosɛm a wadi no ho bɛyɛ atemmude ne atreneede a, ɔno de, wagye ne kra nkwa.

28Na wahu, na wasan afi ne mmaratosɛm a odii no nyinaa ho, nkwa na obenya, ɔrenwu.

29Nanso Israel fi ka sɛ: Awurade kwan nteɛ. So me kwan nteɛ, Israel fi? So ɛnyɛ mo akwan na ɛnteɛ?

30 Hes 33.11; Yes 55.7 Ɛno nti, Israel fi, mebu mo mo akwan so atɛn mmiako mmiako, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni. Monsan na monnan mo ho mfi mo mmaratode nyinaa mu, na mmusu anyɛ hintidua amma mo.

31Hes 36.26 Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi?

32Hes 18.23 Na minnya nea ɔrewu no wu ho anigye, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni; enti monsan, na mummenya nkwa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help