Ɔsɛnkafo 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahonyade ne anuonyam nso yɛ ahuhude

1Bɔne bi wɔ hɔ a mahu owia ase, na ɛhyɛ nnipa so:

2Ɔsɛ 2.18 Obi a Onyankopɔn ama no ahonyade ne adedodow ne anuonyam, na nea ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ onni bi, na ɔnanani bi na odi, eyi de, ahuhude ne ayayade ne no.

3Sɛ obi wo ɔha na odi mfe pii, na ne mfe mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra nanso wɔansie no yiye a, mise, ɔpɔn ba ye sen no.

4Na ɔba no adehunu mu, na esum mu na ɔkɔ, na esum na ɛkata ne din so,

5owia nso wanhu na onnim: Ɔhome wɔ hɔ ma oyi sen ɔno.

6Na sɛ mpo odi mfe apem mmɔho, nanso wannya mu papa bi a, so ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa kɔ?

7Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no.

8Na ɛdɛn na onyansafo de sen ɔkwasea? Ɛdɛn nso na ohiani a onim ateasefo mu abrabɔ no de kyɛn so?

9Aniwa adehu mmom ye, sen sɛ w’akɔnnɔ kyini. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

10Nea ayɛ no, wɔabɔ ne din dedaw, na wonim sɛ onipa ne no, na ontumi ne nea ɔyɛ den sen no no nham.

11Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhude dɔɔso; mfaso bɛn na onipa nya?

121 Be 29.15; Nnw 90.5 Na hena na onim nea eye ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuw mu, nna dodow a odi sɛ sunsuma no? Na hena na ɔbɛka onipa nea ɛbɛba n'akyi owia ase no?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help