1 2 Be 36.22-23; Yer 25.11; 29.10 Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a AWURADE asɛm a efi Yeremia anom no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔpaee mu kae n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee nso sɛ:
2Yes 44.28; 45.1 Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.
3Mo a moyɛ Onyankopɔn akyidifo no, Onyankopɔn nni mo akyi, ɛsɛ sɛ moforo kɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na monsan nkosi AWURADE Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ wɔsom no Yerusalem.
4Na obiara a ɔte ase, wɔ baabiara a ɔkɔsoɛ hɔ sɛ ɔhɔho no, ma ɛhɔfo mfa dwetɛ ne sika ne afide ne mmoa ayamye ade a wɔde bɛma Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.
5Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo akosi AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no.
6Na wɔn a wɔtete wɔn mu no nyinaa hyia de dwetɛ nnwinne, sika ne afide ne mmoa ne aboɔdenne hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamye ade no nyinaa.
7Na ɔhene Kores yii AWURADE fi nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem de ba besiee ne nyame fi no,
8Esra 2.2, 63; 5.14 ɛnonom na Persia hene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar.
9Na ne dodow ni: Sika nsanka aduasa, dwetɛ nsanka apem, nkuku a wɔde hyew aduhuam aduonu akron,
10sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a edi hɔ ahanan ne du ne nnwinne a ɛkeka ho apem.
11Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum, ahannan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wotuu wɔn kɔe a ɔde wɔn fi Babel san baa Yerusalem no de bae.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
