Nnwom 98 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE rebaDwom

1 Nnw 33.3 Monto dwom foforo mma AWURADE,

na wayɛ anwonwade,

ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.

2AWURADE ama wɔahu ne nkwagye,

wayi ne trenee adi, amanaman anim.

3 Yes 52.10 Wakae n’adɔe ne ne nokware ama Israel fi,

asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.

4Nsaase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE,

monteɛm nni ahurusi nto ayeyi dwom.

5Monto dwom mma AWURADE, sanku so,

ɔsanku ne dwonto nne so.

6 Num 23.21 Momfa torobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose,

ɔhene AWURADE anim.

7 Nnw 96.11-13 Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo,

wiase ne wɔn a wɔte mu.

8Ma asu akɛse mmobɔ nsam,

mmepɔw mmom nni ahurusi,

9AWURADE anim,

na ɔreba abebu asase atɛn,

obebu wiase atɛn, trenee mu,

ne amanaman, atɛntrenee mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help