1 Samuel 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Elkana ne n’abusuafo wɔ Silo

1 , na ɔkae sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no fii.

21Na ɔbarima Elkana ne ne fifo nyinaa foro kɔe sɛ ɔkɔbɔ afirihyia afɔre de n’aboade akɔma AWURADE.

22Na Hana de, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abofra no atwa nufu ansa na mede no mɛkɔ, na wakopue AWURADE anim, na watena hɔ daa.

23Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ nea eye w’ani so. Tena hɔ kosi sɛ wubetwa akokoaa no nufu ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma ennyina. Na ɔbea no tenaa hɔ maa ne ba no nufu de kosii sɛ otwaa no nufu.

24Na otwaa no nufu wiei no, Hana faa abofra no kaa ne ho, de nantwinini a wadi mfe abiɛsa, asikresam olonka biako ne bobesa tumpan kɛse ma de no baa AWURADE fi Silo; na abofra no nnyinii ɛ.

25Na wokum nantwinini no, na wɔde abofra no brɛɛ Eli.

26Na ɔkae sɛ: O me wura, sɛ wo kra te ase yi, me wura, mene ɔbea a obegyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpae no.

271 Sa 1.17 Abofra yi ho mpae na mebɔe, na AWURADE ama me nea mesrɛɛ no hɔ no.

281 Sa 1.17 Enti nso, mede no refɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena ase nyinaa ɔyɛ AWURADE dea.

Na wɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help