Nnwom 86 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahohia kɛse mu mpaebɔDawid mpaebɔ

1AWURADE, brɛ w’aso ase tie me,

na meyɛ mmɔboroni ne hiani.

2 Nnw 18.20-26 Hwɛ me kra so, na meyɛ ɔhotefo,

wo, me Nyankopɔn, gye w’abofra

a ɔde ne ho tweri wo.

3 Nnw 6.2 O, AWURADE hu me mmɔbɔ,

na wo na misu mefrɛ wo daa adesae.

4Ma w’akoa kra ani nnye,

na wo, Awurade, na mema me kra so mema.

5 Nnw 86.15 Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ,

na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.

6AWURADE, yɛ aso ma me mpaebɔ,

na tie me nkotɔsrɛ nne.

7 Nnw 50.15 M’ahohia da mu mefrɛ wo,

na wubegye me so.

8 Nnw 71.19 Obiara nte sɛ wo, anyame mu, Awurade,

na biribiara nte sɛ wo nnwuma.

9Amanaman a woyɛe nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, Awurade,

na wɔabɛhyɛ wo din anuonyam.

10Na woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade,

wo nkutoo ne Nyankopɔn.

11 Nnw 27.11 AWURADE, kyerɛ me wo kwan,

mɛnantew wo nokware mu,

ka me koma bom ma ensuro wo din.

12O Awurade, me Nyankopɔn,

mede me koma nyinaa mɛda wo ase,

na mahyɛ wo din anuonyam daa,

13sɛ w’adɔe so wɔ me so,

na woayi me kra afi asaman bun mu.

14Onyankopɔn, ahantanfo asɔre ahyɛ me,

na atirimmɔdenfo asafo rehwehwɛ me kra,

na wɔamfa wo ansi wɔn ani so.

15 Eks 34.6 Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo,

wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔe ne wo nokware dɔɔso.

16 Nnw 116.16 Dan w’ani kyerɛ me, na dom me,

fa w’ahoɔden ma w’akoa,

na gye w’afenaa ba nkwa.

17Yɛ me ho sɛnkyerɛnne ma ensi me yiye,

na m’atamfo nhu, na wɔn ani nwu,

sɛ wo, AWURADE, woaboa me akyekye me werɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help