2 Berɛsosɛm 27 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yotam ahenni pa(2 Ahene 15.32-38)

1 2 Ah 15.32-36, 38 Yotam dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na ne na din de Yerusa, Sadok ba.

22 Be 26.16 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛ n’agya Usia yɛe no ara; nanso wanhyɛn AWURADE asɔredan no mu; nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.

3Ɔno na osii AWURADE fi atifi pon no; na Ofel fasu no nso, ɔtoo bebree.

42 Be 26.10 Na ɔkyekyee nkurow nso Yuda mmepɔw so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atenten kwae mu.

5Na ɔno ara na ɔne Amonfo hene kɔkoe, na odii wɔn so tumi. Na Amonfo no maa no dwetɛ dwetikɛse ɔha ne awi kor ɔpedu, ne atoko nso ɔpedu, afe no mu. Amonfo no de nneɛma yi brɛɛ no afe a ɛto so abien ne abiɛsa mu nso.

6Na Yotam hyɛɛ ne ho den, efisɛ osiesiee n’akwan, AWURADE ne Nyankopɔn anim.

7Na Yotam ho nsɛm nkae ne n’akodi ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ne Yuda ahene nhoma no mu.

8Odii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem.

9Na Yotam ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Dawid kurow no mu. Na ne ba Ahas bedii n’ade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help