Nnwom 36 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn adɔeWɔde ma dwonkyerɛfo. AWURADE akoa Dawid de

1 Rom 3.18 Ɔbɔnefo mmarato kasa wɔ me koma mu:

Onyankopɔn suro biara nni n’ani so.

2Na obu ne ho bi, n’ankasa ani so,

sɛ wɔrenhu n’amumɔyɛ na wɔakyi.

3N’anom nsɛm yɛ ahuhusɛm ne nnaadaa,

wagyae nimdeɛ sua ne papayɛ.

4 Mika 2.1 Odwen amumɔyɛde ne kɛtɛ so,

ɔde ne nan asi ɔkwan a enye so; bɔne de, onkyi.

5 Nnw 57.10; 108.4 AWURADE, w’adɔe kodu soro,

na wo nokware kodu wim tɔnn.

6 Nnw 125.1-2 Wo trenee te sɛ Onyankopɔn mmepɔw,

w’atemmu te sɛ ebun a emu dɔ.

AWURADE, wugye nnipa ne mmoa nkwa.

7Onyankopɔn, w’adɔe no so dɛn ara!

Na nnipa mma de wɔn ho dɔ wo ntaban nwini ase.

8 Nnw 23.5 Wo fi mu srade meemee wɔn,

na woma wɔnom w’anigye asubɔnten.

9 Yer 2.13 Efisɛ wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ,

wo hann mu na yehu hann.

10Ma w’adɔe nkyɛ mma wɔn a wonim wo,

ne wo trenee mma koma mu teefo.

11Mma ɔhantanni nan nntia me,

na mma abɔnefo nsa nnsum me!

12Ɛnne na amumɔyɛfo atotɔ,

woasum wɔn ahwehwe fam a wontumi nsɔre.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help