1Na eyinom ne Dawid nsɛm a edi akyiri.
Yese ba Dawid asɛm a wanya sɛ ɔreka,
ɔbarima a wɔmaa no so,
nea Yakob Nyankopɔn asra no
ne Israel dwom dɛdɛ tofo asɛm a ɔreka ni:
2AWURADE honhom nam me so kasa,
na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.
3Israel Nyankopɔn akasa,
me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me.
Nea odi nnipa so a ɔteɛ,
nea odi so Onyankopɔn suro mu.
4Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann,
bere a owia repue,
sɛ anɔpa a amununkum nni hɔ,
sɛ owia gyigye ne osutɔ nti wura fifi fam.
5So ɛnyɛ sɛ me fi te ne no Onyankopɔn anim?
Na ɔne me ayɛ daa apam a
wɔasiesie no ade nyinaa mu na etim hɔ.
Na nea mepɛ ne nea mehwehwɛ nyinaa,
so ɔremma ɛmfefɛw?
6Na ahuhufo de, wɔn nyinaa te sɛ nsɔe a wɔatow agu,
na wɔmfa nsa nso mu.
7Na onipa a ɔka wɔn no de dade ne peaw dua mia,
na wɔde gya bɛhyew wɔn dwerɛbee.
Dawid nnɔmmarima ne wɔn nneyɛe(1 Berɛsosɛm 11.10-41)8 1 Be 11.10-41 Eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din. Tahkemonni Yoseb-basebet a odi akunini no mu titiriw. Ɔno na ɔmaa ne peaw so kunkum nnipa ahanwɔtwe prɛko.
9Na nea odi n’akyi ne Ahohi ba Dodo ba Eleasar a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho bere a wɔresopa Filistifo a wɔaboaboa wɔn ho ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔe no mu.
10Ɔno na ɔsɔre kunkum Filistifo no kosii sɛ ne nsam gowee na ne nsa fam ne nkrante ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛse da no, na dɔm no dan kodii n’akyi sɛ wɔbɛfow ade nko.
11Na nea odi n’akyi ne Hararini Age ba Sama. Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bɔɔ asafo na asasewa bi wɔ hɔ a asɛdua wɔ so na ɔman no guanee Filistifo no anim.
12Na ɔno de, ogyinaa asase no mfinimfini na ɔperee, na okum Filistifo no, na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛse.
13Na atitiriw aduasa no mu baasa sian baa Dawid nkyɛn twabere wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifo asafo bi abɔ nsra Refaim bon mu.
14Nso ɛbere no mu na Dawid wɔ bepɔw so atenae no mu, na Filistifo bansifo wɔ Betlehem bere no mu.
15Na ɛdɔɔ Dawid kɔn na ɔkaa sɛ: Hena na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu manom?
16Na nnɔmmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE,
17na ose: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ eyi. So mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔe no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Eyi na nnɔmmarima baasa no yɛe.
18 2 Sa 21.17 Na Yoab ne nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titiriw. Ɔno na ohwinhwim ne peaw nnipa ahasa so kunkum wɔn, na ogyee din baasa no mu.
19Na onyaa anuonyam kɛse wɔ nnipa aduasa no mu, na odii wɔn so safohene, nanso wanto baasa a edi kan no.
20 Yos 15.21; Neh 11.25 Na Yehoiada ba Benaia yɛ ɔkofoni barima a ofi Kabseel, a ɔyɛɛ mmaninne. Okum Ariel mma baanu wɔ Moab; na ɔno nso sian kokum gyata, abura mu, sukyerɛma da bi;
21na okum Misraimni barima hoɔfɛfo bi, na Misraimni no kura peaw ne nsam, na Benaia de poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni ankasa peaw fii ne nsam de kum no.
22Eyi na Yehoiada ba Benaia yɛe, na ogyee din nnɔmmarima baasa no mu.
23Akunini aduasa no mu ɔwɔ anuonyam, na kan baasa no de, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafo so.
24 2 Sa 2.18 Yoab ne nua Asahel fra aduasa no mu; Dodo ba Elhanan a ofi Betlehem,
25Harodini Sama, Harodini Elika,
261 Be 27.9-10 Paltini Heles, Ikes ba Ira a ɔyɛ Tekoani,
27Anatotni Abieser, Husatni Mebunai,
28Ahohini Salmon, Netofani Maharai,
29Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ofi Benyaminfo Gibea,
30Piratonni Benaia, Hidai a ofi Gaas,
31Aribani Abi-albon, Barhumini Asmawet,
32Saalbonni Eliahba, Yasenfo no mu. Yonatan,
33Hararini Sama, Hararini Sarar ba Ahiam,
342 Sa 15.12 Maaka ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam,
35Karmelni Hesrai, Arbini Paarai,
36Natan ba Yigal a ofi Soba, Gadni Bani,
37Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodekurafo,
38Yitrini Ira, Yitrini Gareb,
392 Sa 11.3 Hetini Uria. Wɔn nyinaa si aduasa asɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.