2 Ahene 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yoahas di Israel so hene

1 2 Ah 10.35 Yuda hene Ahasia ba Yoas afe a ɛto so aduonu abiɛsa so na Yehu ba Yoahas bedii Israel so hene Samaria mfe asɔn.

21 Ah 12.26-33 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na odii Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi; wamfi ho.

32 Ah 10.32 Na AWURADE bo fuw hyɛɛ Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siria hene Hasael nsa, ne Hasael ba Ben-hadad nsa nna nyinaa.

4Na Yoahas kotɔ srɛɛ AWURADE, na AWURADE tiee no, efisɛ ohuu ɔhaw a Siria hene de rehaw Israel no.

52 Ah 14.27 Na AWURADE maa Israel ogyefo, na wofii Siriafo nsa ase, na Israelfo tenaa wɔn ntamadan mu sɛ kan no.

61 Ah 16.33 Nanso wɔamfi Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no fi bɔne ho; ɛno ara na ɔyɛe; na Asera dua no nso sii Samaria.

7Na wɔannyaw dɔm bi amma Yoahas gye apɔnkɔsotefo aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufo ɔpedu, efisɛ Siria hene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfutuma a wotiatia so.

8Na Yoahas ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?

9Na Yoahas ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Samaria; na ne ba Yoas bedii n’ade.

Yoas di Israel so hene

10Yuda hene Yoas afe a ɛto so aduasa ason so na Yoahas ba Yoas bedii Israel so hene Samaria mfe dunsia.

112 Ah 13.2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfi Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; ɛno ara na ɔyɛe.

122 Ah 14.8-16 Na Yoas ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne ne mmaninne, sɛ ɔne Yuda hene Amasia dii ako no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?

132 Ah 14.23 Na Yoas wui, na Yeroboam bɛtenaa n’agua so; na wosiee Yoas Samaria kaa Israel ahene ho.

Elisa nkɔmhyɛ ne ne wu

14 2 Ah 2.12 Nso na Elisa yare ne yare a ɔde wui no. Na Israel hene Yoas san baa ne nkyɛn besui n’anim, na ɔkae sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!

15Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔfa ɔta ne agyan! Na ɔde ta ne agyan brɛɛ no.

16Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Fa wo nsa so ta no mu. Na ɔde ne nsa soo mu; na Elisa de ne nsa guu ɔhene no nsa so.

17Na ɔkae sɛ: Hiɛ apuei mfɛnsere no! Na ohiɛe. Na Elisa se: Tow! Na ɔtowee. Na ose: AWURADE nkonimdi agyan, Siria so nkonimdi agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akosi sɛ wobɛdwerɛw wɔn.

18Na ɔkae sɛ: Tase agyan no! Na ɔtasee. Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Tow bɔ fam! Na ɔtow bɔɔ fam mprɛnsa, na ogyinae.

19Ɛnna Onyankopɔn nipa no bo fuw no kae sɛ: Anka ɛsɛ sɛ wotow mpɛn anum anaa asia; ɛno na anka wobɛbɔ Siria akosi sɛ wobɛdwerɛw wɔn; enti nso mprɛnsa pɛ na wobɛbɔ Siria.

20Na Elisa wui, na wosiee no. Na afe no dui no, Moabfo afowfo asafo baa asase no so.

21Na da bi a wɔrekosie onipa bi no, wohuu asafokuw bi, na wɔtow onipa no kyenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, na onyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.

Yoas di Ben-hadad so nkunim

22Na Siria hene Hasael haw Israel, Yoahas nna nyinaa.

23Lew 26.42 Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdan ne ho kyerɛɛ wɔn, n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pamee no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wantow wɔn ankyene amfi n’anim de besi nnɛ.

24Na Siria hene Hasael wui; na ne ba Ben-hadad bedii n’ade.

252 Ah 13.19 Na Yoahas ba Yoas san kogyee Hasael ba Ben-hadad nsam nkurow a ɔde ɔko begyee n’agya Yoahas nsam no. Mpɛn abiɛsa na Yoas bɔɔ no, na ɔdan Israel nkurow no mae.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help