Hesekiel 27 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Tiro ho kwadwom

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Yes 23 Na wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom,

3Hos 9.13 na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo abobow ano, aman batani a wokɔ nsupɔw bebree so, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Tiro, wo de, woka sɛ:

Me na me ho wie fɛ yɛ!

4W’ahye wɔ po mfinimfini,

w’abantofo awie wo fɛ yɛ,

5 Deut 3.8-9 Senir apopaw na wɔde pempam w’ahyɛn afasu,

Lebanon nkyeneduru na wɔfa

de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua;

6Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabon,

wɔyɛe wɔ asonse mangoo

a ɛhyehyɛ kwabɔhɔrɔ nnua

a efi Kitim nsupɔw mu no mu.

7 Gye 10.4 Nwera a wɔakyere mu a efi Misraim

yɛ wo mframatam a ɛyɛɛ wo ɔfrankaa;

bibitam ne ntama a ɛberedum

a efi Elisa nsupɔw mu yɛ wo nkataso;

8Sidonfo ne Arwadfo yɛɛ w’aharefo;

w’anyansafo wɔ wo Tiro no ara mu,

wɔne w’ahyɛn akwankyerɛfo;

9 1 Ah 5.18 Gebal mpanyin ne emu anyansafo nso wɔ wo mu

repempam w’agowagow;

ɛpo so ahyɛn nyinaa ne wɔn hyɛn mufo

wɔ wo mu di w’aguade ho nsesagua

10Persia ne Lidia ne Put wɔ wo dɔm mu yɛ w’akofo,

wɔde kyɛm ne dade kyɛw sensɛn wo mu,

wɔn na wɔmaa w’anim baa onyam.

11Arwadfo ne wo dɔm wɔ w’afasu so hyia,

na Gamadfo wɔ w’aban atenten mu,

wɔde wɔn akyɛm sensɛn w’afasu ho hyia,

wɔn na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee yiyeyɛ.

12Tarsis ne wo guadifo, w’ade nyinaa dodow nti; dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ ade;

13Hes 38.2 Tawan, Tubal ne Mesek ne wo di gua, nnipa akra ne kɔbere ade na wɔde gye w’aguade;

14Togarma fi na wofi de apɔnkɔ ne apɔnkɔfo ne mfurumpɔnkɔ ba de bɛsesa wo hɔ ade;

15Dedanfo ne wo di gua; nsupɔw bebree so na wo nsa ano aguade kɔ; asonse amuamu ne duabo nnua na wɔde betua wo ka;

16Siria ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow nti; nsramma bo, ntama a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne nnɛnkyerema na wɔde bɛsesa wo hɔ ade;

17Yuda ne Israel asase ne wo di gua; Minit awi ne paanoo ne ɛwo ne ngo ne aneneduhuam na wɔde gye w’aguade;

18Damasko ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow so, ahode nyinaa dodow nti; wɔde Helbon bobesa ne nguan nwi fitaa ba;

19Wedan ne Yawan fi Usal ba ne wo bedi nsesagua; dade a wɔabɔ, bɛwewonua ne mmetire yɛ wo nsesa ade;

20Dedan de apɔnkɔtam a wɔtena so ne wo di gua;

21Gye 25.13 Arabia ne Kedar abirempɔn nyinaa yɛ wo nsa ano aguadifo: Nguammaa ne adwennini ne mpapo gua na wɔne wo di;

22Seba ne Rama abatafo ne wo di gua, wɔde nnuhuam nyinaa mu titiriw ne aboɔden abo nyinaa ne sika ne wo bedi nsesagua;

23Haran ne Kane ne Eden, Seba abatafo, Asur, Kilmad ne wo di gua;

24wɔn na wɔyɛ w’abatafo, ntama afɛfɛ mu, bibitam ne nkyeremu nguguso mu, ne asaawa a wɔafura ademude, nhama a wɔafura na wɔakyim mu, wɔde gye w’aguade.

25Tarsis ahyɛn no ne w’akwantufo di w’aguadi mu akɔneaba,

na woayɛ ma, na w’anim aba nyam,

sɛ ɛpo horow no mfinimfini.

26Akwamfo no de wo kɔ

nsu bebree mu, apuei mframa

bobɔ wo ɛpo horow no mfinimfini.

27W’ade dodow ne w’adetɔnne, wo nsesa aguade,

w’ahyɛn mufo ne w’ahyɛn akwankyerɛfo,

wo mu agowagow pempamfo

ne w’aguade sesa ne wo mu akofofo nyinaa

ne w’asafo a wɔwɔ wo mu nyinaa,

wɔbɛtotɔ bosonopo yam, w’asehwe da no.

28W’ahyɛn kwankyerɛfo nteɛm nne

ma mpoano asase wosowosow,

29na wɔn a wokurakura atabon nyinaa,

ahyɛn mufo, po ani kwankyerɛfo nyinaa

fifi wɔn ahyɛn mu

siansian begyinagyina fam,

30na wo so na wɔmoma wɔn nne so,

na wɔteɛm yawyaw

de dɔte gugu wɔn atifi

yantayantam nso mu,

31na wɔbobɔ tikwaw

ma wo furafura ayitam

na wɔde ɔkra awerɛhow

ne abubuwbɔ yawyaw su ma wo,

32na wobetwa wo ho kwadwom,

wɔn adwotwa no mu

ato wo ho dwom sɛ:

Hena na ɔte sɛ Tiro

a wɔama asɛe ayɛ dinn, ɛpo mu yi?

33W’aguade fi po nyinaa mu bae no,

wode maa aman bebree mee,

w’ahonyade ne w’aguade dodow

na wode maa asase so ahene nyaa wɔn ho.

34Afei a wɔabobɔ wo afi ɛpo ani

de wo ahyɛ nsudonkudonku mu yi,

w’aguade ne w’asafo

a ɛwo wɔ mu no nyinaa atotɔ.

35Mpoano aman nyinaa,

wo nti wɔn ho dwiriw wɔn,

na awɔse gu wɔn ahene so

wɔn anim akisa.

36 Hes 28.19 Aman mu aguadifo bɔ wo so hwirema hwee hwee;

woapatu asɛe,

na wunni hɔ bio de rekosi daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help