Nnwom 56 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Amanehunu mu anidasoWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid abebu dwom. Wɔnto no “Ananafo mu aborɔnoma mum” nne so. Ɔtoe bere a Filistifo kyeree no Gat no.

1 1 Sa 21.10-15 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,

na ɔdesani pɛ me amene me,

daa adesae ɔde ɔko hiahia me ho.

2M’atɛwfo pɛ me amene me daa adesae,

na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko.

3Ɛda a misuro no,

mede me ho mitweri wo.

4 Nnw 27.1; 118.6; Yes 12.2; 51.12; Heb 13.6 Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ,

Onyankopɔn so na mede me ho mato,

merensuro, ɔhonam betumi ayɛ me dɛn?

5Da biara wotutu me nsɛm ano sisi,

bɔne nko ara na wodwen me ho.

6Wɔn ano hyia ma wɔtɛw me,

na wɔkari m’anammɔn,

efisɛ wɔtwɛn me kra.

7 Nnw 55.23 Wɔde amumɔyɛ benya ɔkwan aguan anaa?

Onyankopɔn, fa aman hwe fam abufuw so.

8Wo na woabu me kyini a mikyini yi ano,

fa me nusu gu wo kotoku mu.

Enni wo nhoma mu anaa?

9Ɛno na m’atamfo bɛsan wɔn akyi,

ɛda a misu mefrɛ no.

Eyi na minim,

sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.

10Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ,

AWURADE mu na miyi n’asɛm ayɛ.

11Onyankopɔn so na mede me ho mato,

merensuro, nnipa betumi ayɛ me dɛn?

12Onyankopɔn, w’aboade wɔ me hɔ,

mɛbɔ aseda afɔre mama wo.

13 Nnw 116.8; Hiob 33.30 Na woagye me kra afi wu mu,

so worenyi m’anan mfi asehwe mu?

Na manantew Onyankopɔn anim, nkwa hann mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help