Mmebusɛm 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nyansa ne nkwaseasɛm

1 Mmb 1.8; 12.1 Ɔba nyansafo tie agya nteɛso,

na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim.

2 Mmb 12.14 Onipa anom aba so na odi nnepa,

na nea nkontompofo kra pɛ ne mmusu.

3 Mmb 12.18; 21.23 Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so,

nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe.

4 Mmb 10.4 Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya,

na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.

5Ɔtreneeni tan atosɛm,

na abɔnefo yɛ aniwude ne ahohorade.

6Trenee kora nea ne kwan yɛ pɛ,

na abɔnefosɛm butuw ɔdebɔneyɛfo.

7 Mat 5.3; Adi 2.9; 3.17 Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee,

obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii.

8Obi kra nnwensa ne n’ahonyade,

na ohiani de, ɔnte ntwiwanim.

9 Mmb 24.20; Hiob 5.14; 18.5-6, 18 Treneefo hann dɛw anigye,

na abɔnefo kanea bedum.

10 Mmb 28.25; 1.6 Ahantan de atutuw nko na ɛba,

na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te.

11Ahonyade a efi ahuhude mu sua,

na nea ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma ɛdɔ.

12Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare,

na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.

13Nea obu asɛm animtiaa de ɔsɛe ba ne ho so,

na nea osuro mmara no, obenya akatua.

14 Mmb 10.11; 14.27 Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti,

ɛno na ɔde befi owu afiri mu.

15Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam,

na nkontompofo kwan yɛ aboabo.

16 Mmb 12.23; 15.2 Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu,

na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu.

17Ɔbɔfo bɔne hwe amane mu,

na ɔsomafo nokwafo sa ɔyare.

18 Mmb 12.1 Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso,

na nea obu animka no nya anuonyam.

19Akɔnnɔde a adɔ kɔn yɛ ɔkra dɛ,

na bɔne mu fi yɛ nkwasea akyide.

20Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo,

na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.

21Bɔne tiw nnebɔneyɛfo,

na treneefo de, ɔde papa tua wɔn ka.

22 Mmb 14.14, 19; 28.8; Ɔsɛ 2.26 Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma,

na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni.

23Ahiafo adɔw ma aduan pii ba,

nanso atɛntrenee nni hɔ a, wɔpra kɔ.

24 Mmb 22.15 Nea ɔkora n’abaa tan ne ba,

na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.

25 Nnw 34.10 Ɔtreneeni bedidi ma ne kra amee,

na abɔnefo yafunu bɛda mpan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help