Nnwom 108 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Adɔe ho ayeyi ne ɔboa ho adesrɛ(Nnwom 57.7-11)Dawid dwom

1 Nnw 16.9 Me koma atim, Onyankopɔn,

mɛto dwom, na mayi ayɛ,

m’anuonyam na ɛbɛyɛ saa.

2Bɛnta sanku ne sankuten, nyan,

menyan adekyeehema.

3AWURADE, mɛda wo ase, aman mu,

na mɛto ayeyi dwom mama wo, aman mu.

4Na w’adɔe so tra ɔsoro,

na wo nokware du wim tɔnn.

5Onyankopɔn, ma wo ho so tra ɔsoro,

na ma w’anuonyam so asase nyinaa so.

6Nea ɛbɛyɛ na woagye w’adɔfo nti,

fa wo nifa gye yɛn nkwa, na gye me so.

7Onyankopɔn akasa ne kronkronyɛ mu;

medi ahurusi, mɛkyɛ Sekem mu,

na masusuw Sukot bon.

8Gilead wɔ me, Manase wɔ me,

na Efraim yɛ me ti so dade kyɛw,

Yuda yɛ m’ahempoma.

9Moab yɛ me guasɛn,

Edom so na mɛtow me mpaboa magu,

Filistia so na mɛbɔ ose.

10Hena na ɔde me bɛkɔ kurow dennen no mu,

hena na obegya me akɔ Edom?

11Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn agu yi,

na wo, Nyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?

12Bɛboa yɛn fi ahohia mu,

na onipa gye nyɛ ogye bi.

13Yɛde Nyankopɔn na ɛbɛyɛ mmaninne,

na ɔno na obetiatia yɛn ahohiafo so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help