1AWURADE, wo na mema me kra so mekyerɛ wo.
2Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho meto,
mma m’ani nnwu,
mma m’atamfo ho nnsɛpɛw wɔn, me nti.
3 Yes 49.23 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu,
wɔn a wotwa nkontompo kwa na wɔn ani bewu.
4 Nnw 27.11 AWURADE, kyerɛ me w’akwan,
na fa me fa w’atempɔn so.
5Ma mennantew wo nokware mu,
na kyerɛkyerɛ me,
efisɛ wone me nkwagye Nyankopɔn,
m’ani da wo so daa nyinaa.
6AWURADE, kae wo mmɔborohunu ne w’adɔe,
a ɛwɔ hɔ fi tete.
7 Hiob 13.26 Nkae me mmofraase bɔne ne me mfomso,
na mmom
kae me sɛ w’adɔe te no,
AWURADE, w’ayamye nti.
8AWURADE ye, na ɔteɛ,
enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo ne kwan so.
9Ɔma ahobrɛasefo nnantew trenee mu,
na ɔma ahobrɛasefo sua ne kwan.
10AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔe ne nokware
ma wɔn a wodi n’apam ne n’adansesɛm so.
11AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me,
na ɛdɔɔso pii.
12 Nnw 32.8 Onipa biara a osuro AWURADE no,
ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa so.
13 Nnw 37.9 Ne kra bɛtena yiyedi mu,
na n’asefo anya asase atena so.
14 Hiob 29.4 AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no,
na ɔma wohu n’apam no mu.
15M’ani hwɛ AWURADE daa,
na ɔno na obeyi me nan afi afiri mu.
16Dan w’ani hwɛ me, na dom me,
na meyɛ ankonam, na meyɛ mmɔbɔ.
17Me koma mu ahohia dɔɔso pii,
yi me fi m’ahokyere mu.
18Hwɛ m’amane ne m’ahometew,
na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.
19 Nnw 35.19 Hwɛ sɛ m’atamfo dɔɔso,
na wɔde atirimɔden tan me.
20 Nnw 16.1 Hwɛ me kra so na gye me,
mma m’ani nnwu, na miguan metoa wo.
21 Hiob 1.1 Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so,
efisɛ m’ani da wo so.
22 Nnw 130.8 Onyankopɔn, gye Israel
fi wɔn ahohia nyinaa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
