Numeri 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nnipa a wɔn ho ntew

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Lew 13.46; 15.2 Hyɛ Israelfo na wontu akwatafo nyinaa ne wɔn a wɔn ho sen gu nyinaa ne obiara a ɔde funu agu ne ho fi no mfi nsra no mu.

3Num 12.14; 35.34 Ɔbarima o, ɔbea o, muntu no, nsra no akyi na muntu wɔn nkɔ, na wɔangu mo nsra a mete mu wɔ mo mu no ho fi.

4Na Israelfo no yɛɛ saa, na wotutuu wɔn kɔɔ nsra no akyi; sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ Mose no, saa na Israelfo no yɛe.

Asodide

5Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6Lew 6.2-7 Kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Ɔbarima anaa ɔbea yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a,

7ɔmpae mu nka ne bɔne a wayɛ no, na ontua n'asodide no aboten mfa abupɛn anum mu biako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

8Na sɛ onipa no awu na onni obusuani a ɔbɛn no bi a wɔde asodide no bɛma no a, asodide no yɛ AWURADE dea, na wɔmfa mma ɔsɔfo no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

9Deut 18.8 Na ɛsoma ade biara, Israelfo akronkronne a wɔde brɛ ɔsɔfo no nyinaa, nyɛ ne de.

10Na obiara akronkronne a ɔde ba no, ɛnyɛ ne de bio; na nea ɔde ma ɔsɔfo no nyɛ ɔsɔfo no dea.

Ninkuntwe ho asɛm

11Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ ɔbarima bi yere fi n'akyi na ɔkɔfom no,

13na ɔbarima bi ne no da na ne ho ka no, na osiw so ne kunu anim, na onnim sɛ ne ho agu fi na ɛho dansefo nni hɔ, na wɔankyere no wɔ so,

14na ninkuntwe honhom ba ɔbarima no so na ɔtwe ne yere no ho ninkunu, na ɔbea no agu ne ho fi, ampa anaasɛ ninkuntwe honhom ba no so na ɔtwe ne yere ho ninkunu na ɔbea no nguu ne ho fi a,

15ɛnne ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfo no anim. Na ɔmfa ɔbea no ho ayɛyɛde, atokosam olonka abupɛn du mu biako, mmra: onngu so ngo nanso ɔnnto so ohuamfufu, na ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, nkae aduan afɔre a wɔde kae amumɔyɛ.

16Na ɔsɔfo no mfa ɔbea no mmra mmegyina AWURADE anim.

17Eks 30.18 Na ɔsɔfo no nsaw nsu kronkron ngu kuku bi mu, na ɔnsaw tenabea hɔ fam mfutuma bi, na ɔmfa ngu nsu no mu;

18na ɔsɔfo no mfa ɔbea no nnyina AWURADE anim, na onyi ne ti so nkataso, na ɔmfa nkae aduan afɔre a ɛne ninkuntwe aduan afɔre no nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfo no nkura nsu nwenenwene a ɛde nnome ba no ne nsam;

19na ɔsɔfo no mma onni nsew, na ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae ɛ, na sɛ wumfii wo kunu akyi nkoguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afi nsu nwenenwene a ɛde nnome ba yi ho;

20na sɛ woafi wo kunu akyi, na sɛ wo ho agu fi na woama obi ho aka wo sɛ wo kunu a, ɛno de

21na ɔsɔfo no mma ɔbea no nni nsew yi: ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w'asen atotɔ mu na wo yafunu ahon;

22na nsu a ɛde nnome ba yi ahyɛn wo nsono mu ahon wo yafunu na w'asen atotɔ mu! Na ɔbea no nka sɛ Amen, Amen!

23Na ɔsɔfo no nkyerɛw nnome yi ngu nhoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwenenwene no mu,

24na ɔmma ɔbea no nnom nsu nwenenwene a ɛde nnome ba no, na nsu a ɛde nnome ba no nkɔ no mu nkɔyɛ nwenenwene.

25Na ɔsɔfo no nnye ɔbea no nsam ninkuntwe ho aduan afɔre no, na onhim aduan afɔre no AWURADE anim, na ɔmfa mmɛn afɔremuka no;

26na ɔsɔfo no nsaw aduan afɔre no nsa ma ɛnyɛ nkae ade, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na ɛno akyi no ɔmma ɔbea no nnom nsu no.

27Na sɛ ɔma ɔnom, na sɛ, wagu ne ho fi na wayɛ ne kunu bɔne a, ɛnne nsu a ɛde nnome ba no bɛhyɛn ne mu akɔyɛ no nwene, na ne yafunu ahon na n'asen atotɔ mu, na ɔbea no adan nnome, ne man mu.

28Na sɛ ɔbea no ho nguu fi ɛ, na ne ho tew a, ɛnne ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma.

29Eyi ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbea bi fi ne kunu akyi kogu ne ho fi

30anaasɛ ninkuntwe honhom ba ɔbarima bi so na ɔtwe ne yere ho ninkunu a, ɔmfa ɔbea no mmegyina AWURADE anim, na ɔsɔfo no nyɛ no sɛnea mmara yi hyɛ nyinaa.

31Na ɔbarima no ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afi amumɔyɛ no ho, na ɔbea no asoa n'amumɔyɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help