1 Berɛsosɛm 15 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔde apam adaka no ba Sion bepɔw so

1Na osisii adan Dawid kurow mu, na osiesiee afa bi maa Onyankopɔn adaka no, na osii ntamadan maa no.

2Ɛno mu na Dawid kae sɛ obiara nnsoa Onyankopɔn adaka no sɛ Lewifo no ara nko, na wɔn na AWURADE apaw wɔn sɛ wɔnsoa Onyankopɔn adaka no na wɔnsom no daa.

3Na Dawid boaa Israel nyinaa ano behyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.

4Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifo no ano:

5Kohat mma no mu: Ɔsafohene Uriel ne ne nuanom, ɔha aduonu.

6Merari mma mu: Ɔsafohene Asaia ne ne nuanom, ahanu aduonu.

7Gersom mma mu: Ɔsafohene Yoel ne ne nuanom, ɔha aduasa.

8Elisafan mma mu: Ɔsafohene Semaia ne ne nuanom, ahanu.

9Hebron mma mu: Ɔsafohene Eliel ne ne nuanom, aduɔwɔtwe.

10Usiel mma mu: Ɔsafohene Aminadab ne ne nuanom, ɔha ne dumien.

112 Sa 15.29 Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfo no, ne Lewifo no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab,

12na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifo mu agyanom atitiriw, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra nea masiesie mama no hɔ;

131 Be 13.9-10 na kan no ɛnyɛ mo na moyɛe nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn abufuw baa yɛn so, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atɔremude no so.

14Ɛnna asɔfo ne Lewifo no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba.

15Eks 25.14; Num 4.15 Na Lewifo mma no soaa Onyankopɔn adaka no, sɛnea Mose hyɛe, sɛnea AWURADE kae no; wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho.

16Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifo asafohene no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no nkurakura nnwonto ade, mmɛnta asanku, mmɛn ne asankuten ne nsammɔ nnawuru nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigye mu.

17Na Lewifo no yii Yoel ba Heman, ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf, ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ.

18Na wɔde wɔn nuanom a wɔto so abien kaa wɔn ho: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Yeiel, aponanohwɛfo no.

191 Be 6.33, 39, 44; 25.1 Na nnwontofo Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere nnawuta ma wɔtee nka,

20na Sakaria ne Asiel ne Semiramot ne Yehiel ne Uni ne Eliab ne Maaseia ne Benaia bɔɔ mmɛnta asanku, mmabaa nne so.

21Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed-edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten, nne a ɛto so awotwe so.

22Na Kenania, Lewifo safohene wɔ soma mu, odi soma no so, efisɛ ɔyɛ nhumufo.

23Na Berekia ne Elkana ne adaka no aponanohwɛfo.

24Na Sebania ne Yosafat ne Netanel ne Amasai ne Sakaria ne Benaia ne Eliesa, asɔfo no, ne ntorobɛntohyɛnfo a wɔhyɛn ntorobɛnto, Onyankopɔn adaka no anim. Na Obed-edom ne Yehia ne adaka no aponanohwɛfo.

25 2 Sa 6.12-16 Ɛnna Dawid ne Israel mpanyin ne mpem so asafohene no siim kɔe, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Obed-edom fi aba, anigye mu.

26Na Onyankopɔn boaa Lewifo a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.

27Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifo a wɔso adaka no nyinaa, ne nnwontofo no, ne ɔsafohene Kenania a odi soma no so no wɔ nnwontofo no mu; na Dawid hyɛ nwera asɔfotade.

28Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛn ne ntorobɛnto ne nsammɔ nnawuru mu, ne mmɛnta asanku ne asankuten a egyigye dennen.

29Na AWURADE apam adaka no duu Dawid kurom no, Saul babea Mikal hwɛɛ mfɛnsere mu, na ohuu ɔhene Dawid sɛ ɔrehuruhuruw na ɔregoru no, obuu no animtiaa ne koma mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help