Deuteronomium 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mose hyɛ ɔman no sɛ wɔnyɛ osetie

1Na afei, Israel, tie ahyɛde ne atemmude a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de rema mo no.

2Deut 13.1; Mmb 30.6; Adi 22.18-19 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso munnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.

3Deut 25.3-9 Mo aniwa ahu nea Baal-peor nti AWURADE yɛe, sɛ nnipa a wodii Baal-peor akyi nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn fii mo mu;

4na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.

5Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛde ne atemmude, sɛnea AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no, sɛ monyɛ sa, asase a morekɔ so akɔfa no so.

6Enti munni so na monyɛ, efisɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhumu, aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafo ne nhumufo ne ɔman kɛse yi!

7Deut 33.29; 2 Sa 7.23 Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, yɛn frɛ a yɛfrɛ no nyinaa mu yi?

8Na ɔman kɛse bɛn na ɛwɔ ahyɛde ne atemmude trenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?

9 Nnw 103.2 Wo ho yiye ara na hwɛ, na hwɛ wo kra yiye, na wo werɛ amfi nsɛm a w’ani ahu no, na wo nkwa nna nyinaa mu amfi wo komam, na ma wo mma ne wo mma mma nhu.

10Eks 19.17; Deut 6.7; 11.19 Ɛda a wugyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb so no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wontie me nsɛm a wonsua mfa nsuro me, nna a wɔde te ase, asase so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma:

11Na mutwiw bɛnee begyinaa bepɔw no ase, na bepɔw no de gya redɛw kɔ ɔsoro tɔnn, ne esum, omununkum ne esum kabii.

12Na AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; nsɛm no nne no, mo ara motee, na suban bi na moanhu anka nne no ho.

13Eks 31.18 Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔkyerɛwee abopon abien so.

14Na me nso AWURADE hyɛɛ me bere no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛde ne atemmude a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so.

15Enti monhwɛ mo kra so yiye, efisɛ moanhu suban biara da no a AWURADE fi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo Horeb so no.

16Eks 20.4 Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasen amfa, ade biara suban, ɔbarima anaa ɔbea nsɛso,

17asase so aboa biara nsɛso, ntakraboa a otu wim nsɛso,

18ade biara a ɛwea fam nsɛso, apataa biara a ɔwɔ nsu mu, asase ase nsɛso.

19Deut 17.3 Na woamma w’ani so ankyerɛ ɔsoro anhwɛ owia ne ɔsram ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nneɛma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.

20Eks 19.5-6 Na mo de, AWURADE afa mo, na wayi mo afi dade fononoo mu, afi Misraim sɛ mommɛyɛ n’awunnyaman sɛ mote nnɛ da yi.

21Deut 3.26 Na mo nti AWURADE nyaa me abufuw, na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan na merenkɔ asase pa a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so;

22na me de, merebewu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mubetwa akɔfa asase pa no.

23Monhwɛ mo ho yiye na mo werɛ amfi AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pamee no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abra wo nsɛso amfa.

24Deut 9.3; Eks 20.5; Yes 10.17; Heb 12.29 Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew, Onyankopɔn ninkufo.

25Sɛ wowo mma ne mma mma, na mokyɛ asase no so, na mudi asɛmmɔne yɛ ohoni, ade biara suban, na moyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn anim de huru ne bo a,

26Deut 30.19; 31.28; 32.1 ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi mo adanse sɛ ɔyera na mobɛyera ntɛm so afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so; morentena so nkyɛ, na mmom ɔsɛe na mobɛsɛe pasaa.

27Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;

28Deut 28.36; Nnw 115.4-7 na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne abo a enhu ade na ɛnte asɛm na ennidi na ente ade hua no.

29Nnw 27.8; Yer 29.13-14 Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE wo Nyankopɔn, na sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa hwehwɛ n’akyi kwan a, wubehu no.

30Lew 26.40 Sɛ ehia wo na nneɛma yi nyinaa to wo nna a edi akyiri no mu a, wobɛsan aba AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn abetie ne nne;

31na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo, ɔrempa wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi w’agyanom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.

32Na bisa nna a atwam a edi w’anim no, efi da a Onyankopɔn bɔɔ onipa asase so, na bisa fi ɔsoro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛse yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno?

33Eks 20.1, 19 Sɛ ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ efi ogya mu rekasa, sɛnea wotee no, na wɔanya nkwa?

34Deut 7.19 Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?

35Deut 32.39 Wo de, wɔama woahu, na woahu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho.

36Ofi soro ma wotee ne nne sɛ ɔreteɛ wo so, na asase so nso wama woahu ne gya kɛse no, na woate ne nsɛm afi gya mu.

37Eks 33.14 Na esiane sɛ ɔdɔ w’agyanom nti, wapaw wɔn asefo a edi wɔn akyi, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛse ayi wo afi Misraim,

38sɛ ɔrebetu aman a wɔso na wɔyɛ den sen wo afi w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyade, sɛ ɛte nnɛ da yi.

39Enti hu nnɛ, na fa sie wo koma mu, sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, nyame so wɔ ɔsoro, ne asase so wɔ fam; obi nni hɔ bio.

40Na di n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wodi w’akyi yiye, na woakye ade, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so daa nyinaa.

Mose yi guankɔbea nkurow abiɛsa

41 Num 35.6-29; Deut 19.2-13 Ɛno na Mose yiyii nkurow abiɛsa, Yordan agya nea owia pue,

42sɛ obi kum ne yɔnko nsapa mu na ɔntan no dedaw no nguan nkɔ hɔ, na oguan kɔ nkurow yi biako mu a, wanya nkwa:

43Oyii Beser wɔ sare so ne asasetaw so maa Rubenfo, ne Ramot wɔ Gilead maa Gadfo, ne Golan wɔ Basan maa Manasefo.

44Na eyi ne mmara a Mose de too Israelfo anim.

45Eyinom ne adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude a Israelfo fii Misraim bae no, Mose ka kyerɛɛ wɔn,

46Yordan agya, obon no mu, Bet-peor ntentenso, Amorifo hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfo fi Misraim bae no, wokum no no asase so.

47Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifo ahene baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apuei fam no, asase,

48Deut 3.8-9 efi Aroer a ɛda Arnon subon kɔn so kosi Sion bepɔw a ɛne Hermon ho,

49ne Araba tataw a ɛda Yordan agya apuei no nyinaa kodu Araba tataw so po no ano wɔ Pisga ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help