Marko 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ogufo ho bɛ(Mateo 13.1-23; Luka 8.4-15)

1Na ofii ase kyerɛkyerɛe bio mpoano; na nkurɔfokuw pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ ɔkorow mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuw no nyinaa wɔ mpoano asase no so.

2Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii wɔ mmebu mu, na osee wɔn wɔ ne kyerɛkyerɛ no mu sɛ:

3Muntie: Hwɛ, ogufo bi fii adi koguu aba.

4Na ɛbae sɛ ɔregu no, ebi koguu kwankyɛn; na wim nnomaa bae bɛsosɔwee.

5Na ebi koguu abo so nea dɔte pii nni; na ntɛm ara na efifii, efisɛ dɔte no mu nnɔ ntia,

6na owia fii no, ekisae, esiane sɛ enni ntini nti, ewui.

7Na ebi koguu nsɔe mu; na nsɔe no nyinii, na emiaa no, na ansow aba.

8Na ebi koguu asase pa mu; na efifi kɔɔ so nyinii na ɛtrɛwee na ɛsowee, ebi aduasa, ebi aduosia, ebi ɔha.

9Na ɔkae sɛ: Nea ɔwɔ aso betie no, ma no ntie!

10Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dumien no bisaa no ɛbɛ no ase.

11

12

na ɔte nso wɔate, na wɔante ase,

na da bi wɔansakra,

na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.

13Na osee wɔn sɛ: Munnim abɛbu yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mubehu mmɛbu no nyinaa?

14 Ogufo no gu asɛm no.

15Na eyinom ne wɔn a wɔwɔ kwankyɛn no: Faako a wogu asɛm no, na wonya te a, ntɛm ara Satan ba, na obeyi asɛm a wɔagu wɔ wɔn mu no.

16Na eyinom nso ne wɔn a wogu wɔn wɔ abo so no: Wɔn na wonya te asɛm no a, ntɛm ara, wɔde anigye gye,

17na ennye ntini wɔn mu, wɔwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua.

18Na eyinom ne wɔn a wogu wɔn wɔ nsɔe mu no: Wɔne wɔn a wɔte asɛm no,

19Kanea adwuma(Luka 8.16-18)

21 Aba a n’ankasa fifi

26Na ɔkae sɛ: Sɛnea Onyankopɔn ahenni te ni: Ɛte sɛ onipa bi gu aba wɔ fam,

27Sinapi aba ho bɛ(Mateo 13.31-32; 13.34; Luka 13.18-19)

30Na ɔkae sɛ: Dɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahenni bɛto? Anaasɛ ɛbɛ bɛn na yebebu wɔ ho?

31Ɛte sɛ sinapi aba fua a wodua no fam a ɛyɛ aba horow a ɛwɔ asase so nyinaa mu ketewa;

32na wodua a, enyin na ɛyɛ kɛse sen afifide nyinaa, na eyiyi mman akɛse, na wim nnomaa tumi tena ne nwini ase.

33Na mmɛbu a ɛtete sɛɛ pii so na ɔnam de kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛnea wobetumi ate ase.

34Na wankwati abebu ankasa ankyerɛ wɔn; na ɛka wɔn nko a, ɔkyerɛ n’asuafo no ne nyinaa ase.

Ahum no asebrɛ(Mateo 8.18; 8.23-27; Luka 8.22-25)

35Na da no ara, eduu anwummere no, osee wɔn sɛ: Momma yentwa nkɔ asuogya noho!

36Na wogyaa nkurɔfokuw no kwan no, wɔfaa no kaa wɔn ho ɔkorow no mu sɛnea ɔte no ara; na akorow bi nso ka ne ho.

37Na ahum kɛse tui; na asorɔkye bu beguu ɔkorow no mu a na ɛreyɛ ayɛ ma.

38Na ɔno de, ɔwɔ ɔkorow no to ada sumii so. Ɛnna wonyan no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?

39Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.

40Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufo sɛɛ? Adɛn na munni gyidi?

41Na wosuroe yiye, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help