Yesaia 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Atemmufo bɔne asotwe

1Wonnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw

ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw nhyɛso mmara,

2sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho,

na wɔakyea me man mu mmɔborɔfo atemmu,

na akunafo adan wɔn asade,

na wɔafom nyisaa.

3Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no

ne ɔsɛe a efi akyirikyiri reba no mu?

Hena nkyɛn na mubeguan akogye ɔboa,

na ɛhe na mubegyaw mo agyapade no?

4 Yes 5.25 Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafo mu

na wɔne atɔfo atotɔ afra.

Eyi nyinaa mu no n’abufuw nyaee ɛ,

na ne nsa ateɛ ara.

5 Yes 7.20 Due, Asiria, m’abufuw abaa

a wo nsam poma yɛ m’abufuhyew!

6Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ,

na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no

sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow,

na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.

7 Sak 1.15 Nso ɔno de, ɛnyɛ saa na odwen,

na ne koma nsusuw no sa,

na ɛwɔ ne koma mu sɛ

ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.

8Efisɛ ɔka sɛ:

So m’asafohene nyɛ ahene nko ara?

9So Kalno nte sɛ Karkemis,

na Hamat nte sɛ Arpad,

na Samaria nte sɛ Damasko?

10 Yes 36.18-20 Sɛnea me nsa kaa ahenni a wɔn abosonhuhuw ne ahoni

sen Yerusalem ne Samaria de no,

11so ɛnyɛ sɛnea meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuw no

na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso?

12 Yes 37.36 Na sɛ Awurade nya yɛ n’ade a ɔbɛyɛ, Sion bepɔw so ne Yerusalem wie a, mɛba mabetua Asaria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.

13Efisɛ ose:

Me nsam ahoɔden ne me nyansa na mede mayɛ,

efisɛ mewɔ nhumu; ne ntease

na matwiw aman no ahye,

na mafow wɔn akorade,

na masunsum wɔn a wɔtete agua so magu, sɛ ɔbran.

14Na me nsa aka aman no ahonyade sɛ berebuw;

ne ɔman no agyapade

na sɛ wɔtase nkesua a wɔagyaw no,

sɛ me nso matase asase nyinaa ne no,

obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ

ɔtɛɛ n’anom anaasɛ osui twee twee.

15 Yes 10.5 So akuma hoahoa ne ho nea ɔde twa ade no so,

anaasɛ ɔwan ma ne ho so nea ɔtwe no no so?

Sɛ gyama dua tumi him nea ɔma so no,

anaasɛ poma tumi ma nea ɔnyɛ dua no so.

16Enti Otumfo, asafo AWURADE no,

bɛma ɔfomfɔn aba n’abran mu,

na wasɔ n’anuonyam ase gya

sɛ ogya a ɛdɛw.

17 Deut 4.24 Na Israel hann no bɛdan ogya,

na ne kronkronni no dan gyaframa,

na wadɛw ahyew

ne nguare ne ne nsɔe da koro.

18Na ne kwae ne ne mfuw anuonyam no,

obefi ɔkra so kosi honam so

asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefo a ɔyare rewie no kum.

19Na ne kwae mu nnua nkae no besua

a abofra po betumi akan.

Nkae no sanba

20Na da no, Israel nkae ne Yakob fi aguanfo no rentweri nea ɔhwee wɔn no bio, na wobetweri AWURADE, Israel kronkronni no, nokware mu.

21Nkae no bɛsan aba, Yakob nkae bɛba Onyankopɔn tumfo no nkyɛn.

22Rom 9.27 Na sɛ wo man Israel dodow te sɛ mpoano nwea a, nkae bi nko na ɛbɛsan aba. Wɔahyɛ ɔsɛe a ɛde trenee a ɛboro so bɛba.

23Yes 28.22 Na ɔsɛe pasaa a wahyɛ no pintinn no na AWURADE, asafo AWURADE, de reba asase mu no nyinaa so.

24Ne saa nti, sɛ AWURADE, asafo AWURADE, se ni: Me man a wɔte Sion, munnsuro Asiria. Abaa na ɔde bɛhwe wo, na ne poma na ɔbɛma so wo so, sɛ Misraim de no;

25nanso aka ketewaa bi sɛɛ na abufuhyew no to atwa, na m’abufuw adan akɔdwerɛw wɔn.

26Ate 7.25; Eks 14.26 Na asafo AWURADE behim mpire ahyɛ no, sɛ okum Midian, Oreb botan so no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim de no.

27Na da no, n’adesoa beyi afi wo mmati so, na ne kɔndua afi wo kɔn so. Na srade nti kɔndua no bɛpae.

28Waba Ayat

afa Migron

de n’akyi agyaw Mikmas;

29wɔakɔfa mpɔtam hɔ,

akɔsoɛ Geba anadwo no;

Rama ho repopo,

Gibea-saul aguan.

30Ma wo nne so teɛm, Galim babea,

Laisa, tie ɛ,

Anatot, woyɛ mmɔbɔ!

31Madmena reguan,

Gebimfo reguan agye wɔn kra nkwa.

32Ɛnnɛ ara wobegyina Nob,

ɔwosow ne nsa

gu Sion babea bepɔw,

Yerusalem koko no, so.

33Hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE,

de tumi a ɛyɛ hu

resuaw nnubaa kusuu no, nnutan a ɛwowaree no, wobetwa agu,

na nea ɛkorɔn no abrɛ ase;

34na ɔde dade behuw kwae mu adɔtɔ,

na Lebanon ne ne nnua akɛse no ahwe ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help