1 biara a wontwaa no twetia no, saa onipa no wobetwa no afi ne man mu, wato m'apam.
15Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo yere Sarai de, mfrɛ no Sarai bio, na mmom Sara, ase ne: Ɔhene babea.
16Na mehyira no, na mama wo ne mu ba nso. Yiw, mehyira no, na ɔbɛyɛ ɔmankɛse. Aman ahemfo befi ne mu.
17 Gye 18.12; 21.6; Luka 1.18 Na Abraham de n'anim butuw fam serewee, na ɔkae ne komam sɛ: So wɔbɛwo ɔba ama nea wadi mfirihyia ɔha, na Sara a wadi mfe aduakron no bɛwo anaa?
18Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: O, enne anka ma Ismael nya w'anim adom ɛ!
19Gye 26.3 Na Onyankopɔn kae sɛ: Ampa ne ampa, wo yere Sara bɛwo ba ama wo, na woato ne din Isak ase ne: Ɔserew. Na mɛma me ne no apam agyina ayɛ daa apam ama n'asefo a ebedi n'akyi no.
20Gye 16.10; 21.13, 18; 25.16 Na Ismael ho de, matie wo. Hwɛ, mehyira no, na mama wawo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitiriw dumien na ɔbɛwo, na mayɛ no ɔman kɛse.
21Na m'apam de, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afedan sesɛɛ no na ɛbɛpam ama agyina.
22Gye 35.13 Na ɔne no wiee kasa no, Onyankopɔn fii Abraham nkyɛn kɔɔ ɔsoro.
23Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fi nyinaa ne wɔn a wɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fifo mu mmarima nyinaa, na otwaa wɔn twetia da no ara, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.
24Na Abraham adi mfirihyia aduakron akron na wotwaa no twetia,
25na ne ba Ismael adi mfe dumiɛnsa na wotwaa no twetia.
26Da no ara na wotwitwaa Abraham ne ne ba Ismael twetia.
27Na ne fifo nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne wɔn a wɔde sika totɔɔ wɔn wɔ ahɔho nkyɛn, wotwitwaa wɔn twetia kaa ne ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
